1
1 Berɛsosɛm 16:11
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa daa.
Compare
Explore 1 Berɛsosɛm 16:11
2
1 Berɛsosɛm 16:34
Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:34
3
1 Berɛsosɛm 16:8
O monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ aman mu.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:8
4
1 Berɛsosɛm 16:10
Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:10
5
1 Berɛsosɛm 16:12
Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anomu atemmusɛm.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:12
6
1 Berɛsosɛm 16:9
Monto no dwom, monto no ayeyie dwom, monka n’anwanwadeɛ nyinaa.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:9
7
1 Berɛsosɛm 16:25
Na AWURADE yɛ ɔkɛseɛ na ɔsɛ ayeyie sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa mu.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:25
8
1 Berɛsosɛm 16:29
Momfa AWURADE din no animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’anim. Monsɔre AWURADE wɔ ahokeka kronkron mu.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:29
9
1 Berɛsosɛm 16:27
Anidie ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:27
10
1 Berɛsosɛm 16:23
Monto AWURADE dwom, asase nyinaa so! Mompae ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:23
11
1 Berɛsosɛm 16:24
Monka n’animuonyam wiase aman mu, ne n’anwanwadeɛ aman nyinaa mu.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:24
12
1 Berɛsosɛm 16:22
Sɛ monnka wɔn a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne biara.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:22
13
1 Berɛsosɛm 16:26
Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:26
14
1 Berɛsosɛm 16:15
Wɔnkae n’apam no nkɔsi daa, asɛm a ɔhyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ apem no
Explore 1 Berɛsosɛm 16:15
15
1 Berɛsosɛm 16:31
Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsane no; wɔnka no amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:31
16
1 Berɛsosɛm 16:36
Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ Amen, de yii AWURADE ayɛ.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:36
17
1 Berɛsosɛm 16:28
Aman mmusuakuo, momma AWURADE, momma AWURADE animuonyam ne tumi.
Explore 1 Berɛsosɛm 16:28