Chapa ya Youversion
Ikoni ya Utafutaji

Asomafo 9

9
Saulo adwensakra
(Asomafo 22.3-16; 26.9-18)
1 # Aso 8.3 Na Saulo a ɔda so home ahunahuna ne okum home gu Awurade asuafo so no, kɔɔ ɔsɔfo panyin nkyɛn 2kɔsrɛɛ ne nkyɛn nhoma sɛ ɔde rekɔ Damasko akɔ hyia adan mu, na sɛ ohu nnipa bi saa gyidi kwan no mu a, sɛ wɔyɛ mmarima oo, mmea oo, ɔde wɔn hama mu aba Yerusalem. 3#1 Ko 15.8 Na ɔnam nam, na ɔbɛn Damasko no, mpofirim ara, hann bi a efi soro bɛhyerɛn twaa ne ho hyiae. 4Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? 5#Aso 5.39 Ɛnna ose: Ɛyɛ wo hena, Awurade? Na ose: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. 6Sɔre kɔ kurow no mu, na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ. 7Na mmarima a wɔne no nam no atotɔ mum gyinagyina hɔ, wɔtee nne no de, nanso wɔanhu obiara. 8Na Saulo sɔre fii fam, na n’ani tetewee no, wanhu hwee. Na wokurakura ne nsa de no kɔɔ Damasko. 9Na nnansa na onhu ade, nso onnidi na ɔnnom.
10Na osuani bi wɔ Damasko a ne din de Anania. Na Awurade ka kyerɛɛ no anisoadehu mu sɛ: Anania! Na ose: Hwɛ, mini, Awurade! 11#Aso 21.39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no: Turodoo no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ, ɔrebɔ mpae, 12na wahu ɔbarima bi a ɔde Anania anisoadehu mu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔde ne nsa ato no so sɛ onhu ade. 13Na Anania buae sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm nnipa bebree anom sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefo wɔ Yerusalem, 14#1 Ko 1.2 na ɛha yi nso wanya tumi afi asɔfo mpanyin no nsam sɛ ɔnkyere wɔn a wɔbɔ wo din nyinaa. 15#Rom 1.5; Aso 25.13; 27.24 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim. 16#Aso 9.23; 9.29; 2 Ko 11.23-28 Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu.
17Na Anania kɔe kɔhyɛn dan no mu, na ɔde ne nsa koguu no so kae sɛ: Onua Saulo, Awurade Yesu a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɔkwan a wonam so reba no mu no na asoma me sɛ: Hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma. 18Na ntɛm ara na biribi a ɛte sɛ abon fii n’ani so guu fam, na amonom hɔ ara ohuu ade, na ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu. 19Na odidii no, ne ho yɛɛ no den. Na odii asuafo a wɔwɔ Damasko no nkyɛn nna kakra.
Saulo ka asɛm wɔ Damasko
20Na ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no. 21#Aso 9.1; 9.14; 8.1; 26.10 Na wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na wose: Ɛnyɛ oyi ne nea ɔsɛee wɔn a wɔbɔ din yi wɔ Yerusalem, na eyi nti ɔbaa ha sɛ ɔbɛfa wɔn hama mu akɔma asɔfo mpanyin no anaa? 22#Aso 18.28 Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no.
23Na nna bebree akyi no, Yudafo no dwenee ne ho sɛ wobekum no. 24Nanso Saulo tee wɔn agyina no. Na wɔwɛn kurow no apon ano awia ne anadwo sɛ wobekum no. 25#2 Ko 11.32-33 Na n’asuafo no faa no anadwo de no too kɛntɛn mu faa ɔfasu so twetwee no sii fam.
Saulo kɔ Yerusalem, Kaesarea ne Tarso
26 # Gal 1.17-19 Na oduu Yerusalem no, ɔpɛe sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho; nanso na wɔn nyinaa suro no, efisɛ wɔannye anni sɛ ɔyɛ osuani. 27#Aso 9.20 Na Barnaba faa no de no kɔɔ asomafo no nkyɛn, na ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn sɛnea ohuu Awurade ɔkwan mu ne sɛ ɔkasa kyerɛɛ no, ne sɛnea ɔde nnam kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko. 28Na ɔne wɔn dii ahyemfiri wɔ Yerusalem, 29na ɔde nnam kaa Awurade din ho asɛm. Na ɔkasa kyerɛɛ Helenfo no, na ɔne wɔn gyee nkyinnye; na wɔhwehwɛe sɛ wokum no. 30#Aso 11.25; Gal 1.21 Na anuanom no tee no, wɔde no sian kɔɔ Kaesarea, na wogyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.
31Ɛnna asafo no nyaa asomdwoe Yudea, Galilea ne Samaria nyinaa, na wonyin kɔɔ so; na wɔnam Awurade suro ne Honhom Kronkron awerɛkyekye mu dɔe.
Petro sa Aenea yare
32Na ɛbae sɛ Petro kyinkyinii wɔn nyinaa so no, ɔbaa ahotefo a wɔte Lida no nso nkyɛn. 33Na obehuu onipa bi a ne din de Enea a wadi mfirihyia awotwe ne kɛtɛ so a ɔyare mmubui wɔ hɔ. 34Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Enea, Yesu Kristo asa wo yare. Sɔre, na wo ankasa sɛw wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara. 35Na wɔn a wɔte Lida ne Saron nyinaa huu no, na wɔdan baa Awurade nkyɛn.
Tabita wunyan
36Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, #9.36 TABITA: Din, Tabita wɔ Arameik kasa mu ne Dorka wɔ Hela kasa mu no asekyerɛ ne ɔnwansan. Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma. 37Na ɛbae sɛ nna no mu no, ɔyaree, na owui; na woguaree no de no kɔtoo abansoro dan mu. 38Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafo no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn. 39Na Petro sɔre ne wɔn kɔe. Na oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe. 40#Mar 5.41 Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41#Aso 9.32 Na ɔteɛɛ ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefo ne akunafo no de no anikan kyerɛɛ wɔn. 42Na wɔtee no Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii. 43#Aso 10.6 Na ɛbae sɛ ɔtenaa Yopa kyɛe kakra, Simon, nhomahyɛfo bi, nkyɛn.

Iliyochaguliwa sasa

Asomafo 9: RATB

Kuonyesha

Shirikisha

Nakili

None

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia