Asomafo 10
10
Petro ne Kornelio
1 #
Mat 8.5
Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuw a wɔfrɛ no Italia de no mu ha so panyin. 2Ɔyɛ nyamesuroni, ɔne ne fifo nyinaa, na ɔyɛ mmɔborohunu ade bebree ma nkurɔfo no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpae daa. 3Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio! 4Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim. 5Na afei soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro. 6#Aso 9.43 Ɔte Simon, nhomahyɛfo bi a ne fi wɔ mpoano no nkyɛn. 7Na ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔe no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ofi wɔn a wɔsom no daa no mu, 8na ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn no, ɔsomaa wɔn Yopa.
9Na ade kyee no, bɛyɛ sɛ owigyinae a wɔnam kwan so rebɛn kurow no no, Petro kɔɔ aban no atifi kɔbɔɔ mpae bɛyɛ awia dummien. 10Na ɔkɔm de no sɛ, na ɔpɛe sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduan no, n'ani wiaa no ma ɔkɔɔ tebea foforo mu, 11#Aso 11.5-17 na ohuu ɔsoro sɛ abue, na ade bi a ɛte sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan resian aba no so, na wɔregyaa mu ato fam. 12Emu na asase so ntɔteboa ne wɔn a wɔwea ne wim ntakraboa nyinaa bi wɔ. 13Na ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Petro, sɔre kum di! 14#Hes 4.14; Lew 11 Na Petro se: Dabida, Awurade, efisɛ minnii biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da. 15#Mat 15.11 Na ɛnne no san baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade! 16Na eyi yɛɛ mprɛnsa, na wɔfaa ade no kɔɔ ɔsoro bio.
17Na Petro regye ne mu akyinnye sɛ anisoade a ohui no ase ne dɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fi kwan gyinagyina abobow ano 18refrɛ, na wobisae sɛ: Simon a wɔfrɛ no Petro no te ha anaa? 19Na Petro redwen anisoade no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa hwehwɛ wo; 20na sɔre si fam, na wo ne wɔn nkɔ; nnye akyinnye, na me na mesomaa wɔn.
21Na Petro sian kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kae sɛ: Hwɛ, mene nea mohwehwɛ no no; adɛn nti na mobae? 22Na wobuae sɛ: Asraafo ha so panyin Kornelio, onipa trenee a osuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafo man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfo kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fi, na ontie w’anom nsɛm. 23Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ofie yɛɛ wɔn hɔho. Na ade kyee no, Petro ne wɔn fi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe.
24Na ade kyee no, woduu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafo ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn. 25Petro fitii ara pɛ na Kornelio kohyiaa no, hwee ne nan ase sɔree no. 26#Aso 14.15; Adi 19.10 Na Petro maa no so kae sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa. 27Na ɔne no redi nkɔmmɔ no, owuraa mu, na okohuu nnipa bebree a wɔahyia hɔ. 28Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me de, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew. 29Enti nso na mosoma bɛfrɛɛ me no, manyi ano na maba yi. Afei mibisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me. 30Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim, 31na ose: Kornelio, wɔatie wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborohunu ade no Onyankopɔn anim. 32Enti soma kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro; ɔte nhomahyɛfo Simon fi mpoano. 33Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yiye sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea Onyankopɔn ahyɛ wo nyinaa.
Petro asɛnka
34 #
1 Sa 16.7; Rom 2.11 Na Petro buee n’ano kae sɛ: Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, 35#Yoh 10.16 na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no. 36#Mat 28.18 Sɛnea asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma bere a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoe ho asɛmpa no te no; ɔne nnipa nyinaa wura. 37#Mat 4.12-17 Mo ara munim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, efii ase Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no, 38#Yes 61.1; Mat 3.16 Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho. 39Na yɛne nneɛma a ɔyɛe Yudafo asase so ne Yerusalem nyinaa ho adansefo; ɔno nso na wɔsɛn no dua so kum no. 40#1 Ko 15.4-7 Ɔno na Onyankopɔn nyan no da a ɛto so abiɛsa; na ɔma oyii ne ho pefee kyerɛe, 41#Yoh 15.27 ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee; 42#Aso 17.31; Rom 14.10 na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔno ne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no. 43#Yes 53.5-6; Yer 31.34; Hes 34.16; Dan 9.24 Ɔno na adiyifo nyinaa di ne ho adanse sɛ: Obiara a ogye no di no nam ne din so benya bɔne fakyɛ.
44Na Petro gu so reka nsɛm yi no, Honhom Kronkron beguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so. 45Na gyidifo a wofi twetiafo mu a wɔne Petro bae no ho dwiriw wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛde no agu amanaman mufo nso so; 46#Aso 2.4; Mar 16.17 efisɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkrɛma foforo rekasa, na woreyi Nyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buae sɛ: 47So obi betumi asiw nsu ho kwan sɛ wɔmmmɔ eyinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa? 48#Yoh 4.40 Na ɔhyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn asu Awurade din mu. Ɛnna wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nnansa bi.
Iliyochaguliwa sasa
Asomafo 10: RATB
Kuonyesha
Shirikisha
Nakili

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: