Asomafo 15
15
Amanaman mu Kristofo ne Mose mmara
1 #
Gal 5.2
Na nnipa bi fi Yudea bae bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no te no a, muntumi nnya nkwa. 2#Aso 11.30; Gal 2.1 Na afei akasakasa ne akyinnyegye dennen baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛe sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafo ne mpanyimfo no nkyɛn Yerusalem. 3Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foenike ne Samaria kaa amanaman mufo no adwensakra ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse. 4#Aso 14.27 Na woduu Yerusalem no, asafo no ne asomafo ne mpanyimfo no gyee wɔn, na wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn. 5Na ebinom a wofi Farisifo fekuw mu a wɔagye adi sɔree, na wose: Ɛsɛ sɛ wotwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose mmara so. 6Na asomafo ne mpanyimfo no behyiae sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi.
Asomafo no Yerusalem nhyiam
7 #
Aso 10.44; 11.15 Na wogyee ho akyinnye pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara munim sɛ mfiase no ara na Onyankopɔn paw me yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anom asɛm so nte asɛmpa no na wonnye nni. 8Na Onyankopɔn a onim komam no dii wɔn adanse maa wɔn Honhom Kronkron sɛnea ɔmaa yɛn nso no; 9#Aso 10.34 wamma ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidi so tew wɔn komam. 10#Gal 3.10; 5.1 Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔndua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafo no kɔn so? 11#Gal 2.16; Efe 2.4-10 Na Awurade Yesu dom so mmom na yegye di sɛ wɔnam begye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso. 12Na nnipakuw no nyinaa yɛɛ komm, na wotiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ amanaman mu no.
Yakob afotu
13 #
Aso 21.18; Gal 2.9 Na wɔn ano sii no, Yakob buae sɛ: Anuanom, muntie me! 14#Aso 15.7-9 Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din. 15#Amos 9.11-12 Eyi so na adiyifo no nsɛm si, sɛnea wɔakyerɛw sɛ:
16Eyinom akyi no mɛsan
mabesi Dawid ntamadan a ahwe ase no bio,
na masi nea wɔadwiriw no bio,
na mama so bio.
17Na nnipa a aka no
ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa
ahwehwɛ Awurade akyi kwan
18Awurade a ɔma wohuu eyinom nyinaa fi wiase asefi no na ɔka.
19Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnhaw wɔn a wofi amanaman no mu adan aba Onyankopɔn nkyɛn no; 20#Gye 9.4; Lew 3.17 na wɔnkyerɛw nkɔma wɔn sɛ: Wonyi wɔn ho mfi abosom akyidi ne aguamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui, ne mogya ho. 21#Aso 13.15 Na efi tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkurow nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.
Wɔde ɔmena nhoma kɔma amanaman mu asafo no
22Enti ɛyɛɛ asomafo ne mpanyimfo ne asafo mu no sɛ eye sɛ wɔpaw wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitiriw, 23na wɔkyerɛw nhoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafo ne anuanom mpanyimfo no kyia anuanom a wofi amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no. 24#Aso 15.1 Esiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi fi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani ahaw mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti, 25yɛde nokoro hyiae no, ɛyɛɛ yɛn sɛ eye sɛ yɛpaw nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo, 26nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn. 27Enti yɛasoma Yuda ne Silas a wɔde ano nso bɛka nsɛm no ara. 28Na ɛyɛɛ Honhom Kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne 29sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu; ɛno na sɛ muyi mo ho fi ho a, eye. Yekyia mo.
30Na afei wogyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiae no, woyii nhoma no mae. 31Na wɔkanee no, awerɛkyekye no nti wɔn ani gyei. 32#Aso 11.27; 13.1 Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifo no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den. 33Na wɔkyɛɛ hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a ɛsomaa wɔn no nkyɛn. 34Nanso ɛyɛɛ Silas sɛ eye sɛ ɔntena hɔ ara. 35Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.
Silas si Barnaba ananmu
36 #
1 Te 3.5
Na nna bi twaam no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsan nkɔhwɛ anuanom no, nkurow a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛnea wɔte. 37#Aso 12.12; 12.25 Na Barnaba kae sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho. 38#Aso 13.13 Nanso Paulo susuwii sɛ enye sɛ wɔbɛfa nea ɔtwee ne ho fii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho. 39Ɛnna akasakasa a emu yɛ den bae, na ɛma wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsu ani kɔɔ Kipro; 40na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa no, osiim kɔe. 41Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.
Iliyochaguliwa sasa
Asomafo 15: RATB
Kuonyesha
Shirikisha
Nakili

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: