Asomafo 14
14
Woguan kɔ Likaonia
1Na ɛbae sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafo hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafo ne Helafo pii gye dii. 2#Aso 13.45 Na Yudafo asoɔdenfo no hwanyan amanaman mufo no ma wonyaa anuanom no ho adwemmɔne. 3#Aso 19.11; Heb 2.4 Enti wɔtenaa hɔ kyɛe, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii ne dom asɛm no ho adanse, na ɔnam wɔn nsa so ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. 4Nanso kurom hɔfo no mu paee, ɔfa wɔ Yudafo no afa, na ɔfa nso wɔ asomafo no afa. 5#Aso 14.19; 2 Tim 3.11 Na abosonsomfo no ne Yudafo ne wɔn mpanyimfo no bɔɔ kirididi bae sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa na wɔasiw wɔn abo no, 6wohui, na woguan kɔɔ Likaonia nkurow Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so; 7#Aso 11.19-20 na wɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no.
Obubuafo bi ayaresa
8 #
Aso 3.2
Na ɔbarima bi wɔ Listra a ontumi nnyina n’anan so, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, na ɔnnantewee da. 9#Mat 9.28 Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu, 10enti ɔde nne kɛse kae sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ohuruhuruwii, na ɔnantewee. 11#Aso 28.6 Na nkurɔfo akuwakuw no huu nea Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kae Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asiansian aba yɛn nkyɛn. 12Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso, wɔfrɛɛ no Herme, efisɛ ɔno na ɔka asɛm. 13Na Seus a n’asɔredan wɔ kurow no anim no sɔfo de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekye baa kurow no abobow ano pɛe sɛ ɔne nkurɔfo akuwakuw no de bɛbɔ afɔre. 14Na asomafo Barnaba ne Paulo tee no, wosunsuanee wɔn ntama mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuw no mu teɛɛm sɛ: 15#Aso 10.26 Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 16#Aso 17.30 Ɔno na tete bere a atwam no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ankasa akwan so; 17#Nnw 147.8; Yer 5.24 nanso wannyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam. 18Na nea wɔkae no, sɛ wɔamfa anyɛ ampa a, anka nkurɔfo akuwakuw no annyae wɔn afɔre no bɔ.
Wosiw Paulo abo
19 #
2 Ko 11.25; 2 Tim 3.11 Na Yudafo bi fi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wobetuu nkurɔfo akuwakuw no fo bɔne, na wosiw Paulo abo no, wɔtwee no fii kurow no mu susuwii sɛ wawu. 20Na asuafo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre kɔɔ kurow no mu. Na ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe. 21Na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kurom hɔfo na wɔdan nnipa bebree asuafo no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikonium ne Antiokia 22#Aso 11.23; 1 Te 3.3 hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu. 23#Aso 13.3 Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa.
Wɔtena Antiokia
24Na wotwaam Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. 25Na wɔkaa asɛm no wɔ Perga no, wobeduu Atalia. 26#Aso 13.1-2 Na wofi hɔ faa nsu ani baa Antiokia, nea wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn dom nsa maa adwuma a wɔakowie no. 27#1 Ko 16.9 Na wɔbae na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛnea wabue gyidi pon ama amanaman no. 28Na wɔne asuafo no tenaa hɔ kyɛe.
Iliyochaguliwa sasa
Asomafo 14: RATB
Kuonyesha
Shirikisha
Nakili

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: