Asomafo 13
13
Wɔsoma Barnaba ne Saulo
1 #
Aso 11.27
Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo. 2#Aso 9.15 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu. 3#Aso 14.23; 6.6 Ɛnna wodii mmuada na wɔbɔɔ mpae na wɔde wɔn nsa guu wɔn so no, wogyaa wɔn kwan.
4Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wosiim kɔɔ Seleukia, na wofi hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro. 5#Aso 12.12; 12.25 Na woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm Yudafo hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.
Sergio Paulo ne Elima
6Na wotwaam supɔw no so koduu Pafo no, wohuu osumantuni atoro diyifo bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu. 7Ɔno na na ɔka amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ ɔpɛ Onyankopɔn asɛm atie. 8#2 Tim 3.8 Na osumantuni Elima no (nso sɛnea ne din nkyerɛase te ara ne no) siw wɔn kwan, na ɔhwehwɛe sɛ ɔdan amrado no fi gyidi no ho. 9Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn 10kae sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusu nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, trenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛteɛ no kɔntɔn anaa? 11Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum beduruu no so ma okyini hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan. 12Na bere a amrado no huu nea asi no, ogye dii, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiriw.
Perga ne Antiokia
13 #
Aso 15.38
Na Paulo ne ne mfɛfo tu fii Pafo no, wɔbaa Perga a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho fii wɔn ho san kɔɔ Yerusalem. 14Na wɔn de, wofii Perga no, wotwaam baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.
Paulo asɛnka wɔ Antiokia
15 #
Aso 15.21
Na wowiee mmara ne adiyifo no kenkan no, hyiadan no mu mpanyimfo soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka! 16Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamae sɛ: Israel mmarima ne mo a musuro Onyankopɔn, muntie! 17#Yes 1.2; Eks 12.37; 12.41; 14.8 Israel man yi Nyankopɔn na ɔpaw yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔho no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama so yii wɔn fii hɔ. 18#Eks 16.35; Num 14.34; Deut 1.31 Na ɛbɛyɛ sɛ mfirihyia aduanan na okura wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ dennan wɔn, sare so. 19#Deut 7.1; Yos 14.2 Na ɔsɛee aman ason Kanaan asase so no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn. 20#Ate 2.16; 1 Sa 3.20 Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ mfirihyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufo de besii Odiyifo Samuel so. 21#1 Sa 8.5; 10.21; 10.24 Na efi ɛno so no, wobisaa ɔhene; na Onyankopɔn de Saul, Kis ba a ofi Benyamin abusuakuw mu maa wɔn mfirihyia aduanan. 22#1 Sa 16.12-13; 13.14 Na otuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na odii no adanse sɛ: Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.
23 #
2 Sa 7.12; Yes 11.1 Oyi asefo mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa. 24#Luka 3.3 Nso Yohane kaa adwensakra asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba. 25#Yoh 1.20; 1.27; Luka 3.16; Mar 1.7 Na Yohane reyɛ awie ne dwumadi no, ɔkae sɛ: Mususuw sɛ mene hena? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne nan ase mpaboa.
26 #
Aso 13.46
Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn. 27#Yoh 16.3 Na esiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim no ne adiyifo nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wobuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu. 28#Mat 27.22-23 Na wɔanhu ade biara a ɛfata owu wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wonkum no. 29#Mat 27.59-60 Na wowiee nea wɔakyerɛw ne ho nyinaa no, woyii no fii dua no ho de no kɔtoo ɔda mu. 30#Aso 3.15 Na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu, 31#Aso 1.3 na nna bebree, oyii ne ho kyerɛɛ wɔn a wɔne no fi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefo ma ɔman no. 32#Aso 13.23 Na yɛn de, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa, 33#Nnw 2.7 sɛ Onyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyan Yesu, sɛnea wɔakyerɛw dwom a ɛto so abien no mu sɛ:
Wone me ba,
ɛnnɛ na mawo wo.
34 #
Yes 55.3
Na sɛ onyan no fii awufo mu, na ɔrensan nkɔ porɔw mu bio no, ɔkaa no sɛɛ sɛ:
Mede Dawid adonne a esi hɔ pintinn no bɛma mo.
35 #
Nnw 16.10
Enti nso ɔkae dwom foforo mu sɛ:
Woremma wo kronkronni no nhu porɔw.
36 #
Aso 2.29
Na Dawid de, ɔsomee n’ankasa ne bere so sɛnea Onyankopɔn pɛ wiei no, ɔdae, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ohuu porɔw; 37nanso nea Onyankopɔn nyan no no anhu porɔw.
38 #
Aso 10.43
Enti, anuanom, munhu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔnefakyɛ kyerɛ mo; 39#Num 15.30; Rom 10.4 na nneɛma a muntumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ogye di no di ho bem. 40#Hab 1.5 Enti monhwɛ yiye, na asɛm a wɔaka no adiyifo mu no amma mo so sɛ:
41Monhwɛ, mo fɛwdifo,
na ɛnyɛ mo nwonwa na monyera;
efisɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo bere so,
adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.
42Na wofi hyiadan mu hɔ fii adi no, wɔsrɛe sɛ homeda foforo wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio. 43#Aso 11.23 Na wɔn a wɔahyiam no paepaeem no, Yudafo ne wɔn a adan Yudafo nyamesurofo no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Onyankopɔn dom no mu.
Asomafo no kɔ amanaman mufo nkyɛn
44Na homeda foforo dui no, ɛkaa kakraa bi na anka kurow mu no nyinaa behyiae sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm. 45#Aso 13.50; 14.2 Na Yudafo no huu nkurɔfo akuwakuw no, anibere nti wɔkasakasa tiaa nea Paulo reka no gyee no akyinnye, na wɔkaa abususɛm. 46#Aso 3.26; Mat 10.6; Luka 7.30 Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn. 47#Yes 49.6 Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ:
Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea,
na woayɛ nkwagye akodu asase ano.
48 #
Rom 8.29
Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.
Ɔtaa de wɔn kɔɔ Ikonium
49Na Awurade asɛm no trɛwee asase no nyinaa so. 50Na Yudafo no hwanyan mmea nyamesurofo a wɔwɔ din ne kurow no mu atitiriw, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpam wɔn fii wɔn asase so. 51#Aso 18.6; Mat 10.14 Ɛnna wɔporoporow wɔn anan ase tutuw guu wɔn so, na wɔbaa Ikonium. 52Na asuafo no de, anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.
Iliyochaguliwa sasa
Asomafo 13: RATB
Kuonyesha
Shirikisha
Nakili

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.