Chapa ya Youversion
Ikoni ya Utafutaji

Asomafo 11

11
Petro amanneɛbɔ kyerɛ Yerusalem asɔre no
1Na asomafo ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no. 2#Aso 10.45 Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafo no ne no gyee akyinnye 3#Gal 2.12 sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafo mu, na wo ne wɔn akodidi yi? 4Na Petro fii ase bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmiako mmiako sɛ: 5#Aso 10.9-48 Mewɔ Yopa kurow mu merebɔ mpae, na m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na anisoadehu mu no, mihuu biribi a ɛresian sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan, na wogyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn. 6Na migyen m’ani mehwɛɛ mu no, mihuu asase so ntɔteboa ne anworanworammoa ne wɔn a wɔwea ne wim ntakraboa wɔ mu. 7Na metee sɛ ɛnne bi se: Petro, sɔre kum di! 8Na mise: Dabida, Awurade, efisɛ biribiara a wokyi anaasɛ ɛho ntew nkɔɔ m’anom da. 9Na ɛnne no fi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade. 10Eyi yɛɛ mprɛnsa, na wɔtwetwee ne nyinaa kɔɔ ɔsoro bio.
11Na hwɛ, amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn fi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina ofi a mewɔ mu no ano. 12Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na minnnye hwee ho akyinnye. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fi. 13Na ɔkaa yɛn sɛnea ohuu ɔbɔfo sɛ ogyina ne fi hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro. 14Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fi nyinaa nam so benya nkwagye akyerɛ wo. 15Na mifii ase sɛ merekasa no, Honhom Kronkron beguu wɔn so sɛnea mfiase no, ebeguu yɛn so no ara. 16#Aso 1.5 Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no. 17Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛde koro no ara sɛ yɛn nso a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no a, mene hena a metumi masiw Onyankopɔn kwan? 18Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu.
Amanaman mu asafo a edi kan
19 # Aso 8.1-4 Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii koduu Foenike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko. 20Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofo ne Kirenefo baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafo no. 21#Aso 2.47 Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdan baa Awurade nkyɛn.
Barnaba kɔ Antiokia
22 # Aso 4.36 Na wɔn ho asɛm yi duu asafo a ɛwɔ Yerusalem no asom, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkodu Antiokia. 23#Aso 13.43 Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho. 24#Aso 6.5; 5.14 Na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidi ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfo bebree bɛkaa Awurade ho.
25 # Aso 9.30; Gal 2.11 Na ofi hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo; 26na ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirihyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bebree; na Antiokia na wodii kan too asuafo no din Kristofo.
Wɔboa Yudea Kristofo ahiafo
27 # Aso 13.1; 15.32 Na nna no mu no, adiyifo bi fi Yerusalem baa Antiokia. 28#Aso 21.10 Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam Honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio bere so no. 29#Gal 2.10 Na asuafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi, na wɔde ahwɛ wɔn. 30#Aso 12.25 Wɔyɛɛ sa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no.

Iliyochaguliwa sasa

Asomafo 11: RATB

Kuonyesha

Shirikisha

Nakili

None

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia