Chapa ya Youversion
Ikoni ya Utafutaji

1 Korintofo NHYƐNMU

NHYƐNMU
Paulo nhoma a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no hwɛ ɔhaw a ɛwɔ Akristofo asetena ne wɔn gyidi mu a ɛsɔree wɔ asafo a ɔno ara ankasa kobuee wɔ Korinto no mu. Bere no mu na Korinto yɛ Helafo kuropɔn a ɛwɔ Roma mantam Akaia mu. Nea ɛda nso wɔ kurow yi ho ne aguadi, amaane a wɔde hoahoa wɔn ho, aguamammɔ ne ɔsom ahorow.
Ɔsomafo no haw kɛse pa ara ne mpaepaemu ne aguamammɔ a na ɛwɔ asafo no mu, ne nsɛmmisa a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna mu ne aware ho, nsɛm a ɛfa tiboa, asafo no mu nhyehyɛe, Honhom fam nsɛm ne owusɔre no. Ɔnam nhumu kɛse so kyerɛkyerɛ sɛnea Asɛmpa no yi saa nsɛmmisa yi ano.
Ti 13 yi ɔdɔ adi sɛ Onyankopɔn akyɛde pa a ɔde ama nnipa. Ɛrekame ayɛ sɛ, ɛno ne asɛm a yenim no kɛse pa ara wɔ nhoma yi mu.
EMU NSƐM
Nhoma no mfiase ne ne nkyerɛkyerɛmu 1.1-9
Mpaepaemu a ɛwɔ asafo no mu 1.10—4.21
Afisɛm, ne aguamammɔ 5.1—7.40
Kristofo ne abosomsomfo. 8.1—11.1
Asafo no mu abrabɔ ne wɔn som 11.2—14.40
Kristo ne agyidifo no wusɔre 15.1-58
Tow a woyi maa Yudea Kristofo 16.1-4
N’ankasa nkyia ne nhoma no awiei 16.5-24

Iliyochaguliwa sasa

1 Korintofo NHYƐNMU: RATB

Kuonyesha

Shirikisha

Nakili

None

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia