1
Asomafo 26:17-18
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na megye wo mafi ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam, na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.
Linganisha
Chunguza Asomafo 26:17-18
2
Asomafo 26:16
Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo.
Chunguza Asomafo 26:16
3
Asomafo 26:15
Na mise: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na Awurade kae sɛ: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.
Chunguza Asomafo 26:15
4
Asomafo 26:28
Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode bere kakraa bi ma medan okristoni anaa?
Chunguza Asomafo 26:28
Nyumbani
Biblia
Mipango
Video