Na odii wɔn nkyɛn bɛboro nnawɔtwe anaa dadu no, osian kɔɔ Kaesarea. Na ade kyee a ɔkɔtenaa asɛnni agua so no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa Paulo mmra. Na ɔbae no, Yudafo a wofi Yerusalem bae no betwaa ne ho hyiae, na wɔkaa ne ho nsɛmmɔne pii a emu yɛ duru a wontumi nkyerɛ ase.