1
Romafoɔ 3:23-24
New Revised Asante Twi Bible
ASW
ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, na wɔde n’adom nam ɔgyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.
Харьцуулах
Romafoɔ 3:23-24 г судлах
2
Romafoɔ 3:22
Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu
Romafoɔ 3:22 г судлах
3
Romafoɔ 3:25-26
Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatadeɛ a ɛnam gyidie so wɔ ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne tenenee sɛ nnebɔne a wɔayɛ kane no wama no atwa mu Nyankopɔn boasetɔ mu no nti. Na ɔde akyerɛ ne tenenee no wɔ ɛberɛ yi mu, na ɔno ara atene, na wabu deɛ ɔfiri Yesu ho gyidie mu no nso bem ama no atene bi.
Romafoɔ 3:25-26 г судлах
4
Romafoɔ 3:20
Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.
Romafoɔ 3:20 г судлах
5
Romafoɔ 3:10-12
sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ. Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan. Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa ayɛ deɛ mfasoɔ nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.
Romafoɔ 3:10-12 г судлах
6
Romafoɔ 3:28
Enti na yɛbu no sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidie na ɛbu onipa bem.
Romafoɔ 3:28 г судлах
7
Romafoɔ 3:4
Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.
Romafoɔ 3:4 г судлах