1
Romafoɔ 2:3-4
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na, wo onipa a wobu wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no atɛn na woyɛ saa ara no, wosusu sɛ wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo no anaa? Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu?
Харьцуулах
Romafoɔ 2:3-4 г судлах
2
Romafoɔ 2:1
Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara.
Romafoɔ 2:1 г судлах
3
Romafoɔ 2:11
Na nnipa mu nyiyimu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.
Romafoɔ 2:11 г судлах
4
Romafoɔ 2:13
Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem.
Romafoɔ 2:13 г судлах
5
Romafoɔ 2:6
Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako.
Romafoɔ 2:6 г судлах
6
Romafoɔ 2:8
Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so.
Romafoɔ 2:8 г судлах
7
Romafoɔ 2:5
Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.
Romafoɔ 2:5 г судлах