Лого на YouVersion
Икона за пребарување

Gyenesis 3

3
Onipa Asehwe
1 # Adi 12.9; 20.2 Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi? 2#Gye 2.16 Na ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yedi bi, 3#Gye 2.17 nanso dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ: Munnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu. 4#Yoh 8.44 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛnyɛ owu na mubewu: 5na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn, ahu papa ne bɔne.
6 # Yak 1.14; 1 Tim 2.14 Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n'aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii. 7#Gye 2.25 Na wɔn baanu ani buebuei, na wohui sɛ wɔdeda adagyaw, na wɔpompam borɔdɔma ahaban yɛɛ nkataanim fae.
8 # Yer 23.24 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummere mfare mu. Na Adam no ne ne yere kohintaw fii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu. 9Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ he? 10Na ose: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, misuroe, efisɛ meda adagyaw, na mihintawee. 11Na ɔkae sɛ: Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bi no na woadi yi? 12Na Adam se: Ɔbea no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba bi na midii. 13#2 Ko 11.3 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛɛ saa? Na ɔbea no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me na midii.
14 # Yes 65.25 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ:
Sɛ woayɛ eyi nti,
wɔadome wo ntɔteboa
ne wuram mmoadoma nyinaa mu.
Wo yafunu so na wobɛnantew,
na woadi dɔte
wo nkwa nna nyinaa.
15 # Gal 4.4; 1 Yoh 3.8; Heb 2.14; Rom 16.20; Yoh 14.30; Adi 12.17 Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam,
ɛne w'asefo ne n'asefo ntam;
ɔno na ɔbɛbɔ wo ti,
na wo nso woaka ne nantin.
16 # Efe 5.22-23; 1 Tim 2.11-12 Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso.
Ɛyaw mu na wobɛwo mma,
na w'ani begyina wo kunu,
na ɔno na obedi wo so.
17 # Heb 6.8 Na Adam de, ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Sɛ woatie wo yere nne,
na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti,
wo nti wɔadome asase.
Ɛyaw mu na wubedidi so,
wo nkwa nna nyinaa,
18na nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ebefifi ama wo,
na woadi afuw so ahaban.
19 # 2 Te 3.10; Ɔsɛ 12.7 W'anim fifiri mu
na wubedidi
de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu,
efisɛ emu na woyii wo fii,
na woyɛ dɔte,
na dɔte mu na wobɛsan akɔ.
20Na Adam too ne yere din Hawa, efisɛ ɔno na wayɛ ateasefo nyinaa na. 21Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nhoma ntade maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.
22 # Gye 3.5 Na AWURADE Nyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu biako ahu papa ne bɔne. Na afei, nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa antew nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti, 23AWURADE Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no. 24#Hes 10 Na ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.

Селектирано:

Gyenesis 3: ATWDB

Нагласи

Сподели

Копирај

None

Дали сакаш да ги зачуваш Нагласувањата на сите твои уреди? Пријави се или најави се

YouVersion користи колачиња за да го персонализира вашето искуство. Со користење на нашата веб-страница, ја прифаќате употребата на колачиња како што е опишано во нашата Политика за приватност