Лого на YouVersion
Икона за пребарување

Gyenesis 2

2
Homeda
1Na wowiee ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 2#Heb 4.4, 10 #Eks 20.11 Na da a ɛto so ason no, Onyankopɔn wiee n'adwuma a ɔyɛe no, na da a ɛto so ason no, ɔhome fii n'adwuma a ɔyɛe nyinaa ho. 3#Eks 20.8-11 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no, na ɔtew ho, efisɛ ɛno mu na Onyankopɔn home fii n'adwuma a ɔbɔe na ɔyɛe nyinaa ho.
Adebɔ su: Eden turo
4Eyi ne sɛnea Awurade Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 5Na afuw mu nnua nyinaa nnya mmaa asase so, na afuw mu nhaban nyinaa nnya mfifii, efisɛ AWURADE Nyankopɔn nnya ntɔɔ osu nguu asase so ɛ, na onipa a ɔbɛdɔw asase nni hɔ. 6Na nsu fi asase so foroe, na ɛfɔw asase ani nyinaa. 7#1 Ko 15.45 Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.
8Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no, tenaa hɔ. 9#Adi 2.7; 22.2, 14 Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi asase no so, ne nkwa dua a esi turo no mfinimfini, ne papa ne bɔne hu dua fifii asase so.
10Na asu bi fi Eden bɛfɔw turo no, na efi hɔ ara na emu paepae yɛɛ nsuti anan. 11Nea edi kan no din de Pison, ɛno na ɛkɔntɔn twa Hawila asase a sika wɔ so no nyinaa ho hyia; 12na asase no so sika ye; ɛhɔ na bedola ne apopobibiribo wɔ. 13Na asu a ɛto so abien no din de Gihon, ɛno na ɛkɔntɔn twa Kus asase nyinaa ho hyia. 14Na asu a ɛto so abiɛsa ne Tigri, ɛno na ɛsen wɔ Asaria apuei. Na asu a ɛto so anan ne Eufrate.
15Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ. 16Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi. 17#Rom 5.12; 1 Ko 15.21 Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu. 18#Mmb 31.10-31 Na AWURADE Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tena, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.
19Na AWURADE Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ obehu sɛnea ɔbɛfrɛ wɔn. Na nea onipa de frɛɛ abɔde a ɛte ase biara no, ɛno ara ne ne din. 20Na onipa totoo afieboa nyinaa ne wim nnomaa ne wuram mmoadoma nyinaa din. Nanso onipa de, wɔannya ne sɛso boafo amma no.
21Na AWURADE Nyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na ɔdae, na oyii ne mfe pare mu biako, na ɔde nam tuaa anan mu. 22#1 Ko 11.7-9, 12; 1 Tim 2.13 Na AWURADE Nyankopɔn de mfe pare a oyi fii onipa no mu no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ onipa no. 23Na onipa no kae sɛ:
Ampa ara me nnompe mu dompe
ne me honam mu nam ankasa ni.
Oyi na wɔbɛfrɛ no ɔbea,
efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.
24 # Mat 19.5-6; Efe 5.28-31 Ne saa nti na ɔbarima begyaw ne na ne n'agya, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro. 25Na wɔn baanu no deda adagyaw, ɔbarima no ne ne yere, na wɔn ani nwu.

Селектирано:

Gyenesis 2: ATWDB

Нагласи

Сподели

Копирај

None

Дали сакаш да ги зачуваш Нагласувањата на сите твои уреди? Пријави се или најави се

YouVersion користи колачиња за да го персонализира вашето искуство. Со користење на нашата веб-страница, ја прифаќате употребата на колачиња како што е опишано во нашата Политика за приватност