Asomafo 26
26
Paulo yi n’ano wɔ Agripa anim
1Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wɔama wo kwan sɛ ka w’asɛm. Ɛnna Paulo teɛɛ ne nsa yii ano sɛ: 2Mibu no sɛ ɛyɛ akraye ma me sɛ merebeyi m’ano nnɛ wo, ɔhene Agripa, anim, wɔ nneɛma a Yudafo de toto m’ano nyinaa ho, 3ne titiriw no, wunim amanne nyinaa ne akyinnyegyesɛm a ɛwɔ Yudafo mu; enti mesrɛ wo sɛ tɔ wo bo ase tie me.
4M’asetena a efi me mmofraase no de, sɛnea efii ase na ɛte me manfo mu wɔ Yerusalem no, Yudafo nyinaa nim. 5#Aso 23.6; Flp 3.5 Na wonim me fi mfiase dedaw, nso sɛ wɔpɛ sɛ wodi ho adanse a, wonim me sɛ mefraa Fekuw a wodi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu mebɔɔ me bra sɛ Farisini. 6#Aso 28.20 Na afei migyina ha na wɔrebu me ntɛn Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no ho anidaso nti. 7#Aso 24.15 Ɛno ara na yɛn mmusuakuw dumien no de awia ne anadwo som a emu yɛ den ma wɔn ani da so sɛ wobenya; ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo toto m’ano yi. 8Adɛn nti na mubu eyi asɛm a wonnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo?
9Ɛwom sɛ ɛyɛɛ m’ankasa nso sɛ ɛsɛ me sɛ meyɛ nneɛma pii mitiaa Yesu Nasareni no din; 10ɛno nso na meyɛe Yerusalem, na minyaa asɔfo mpanyin nkyɛn tumi no, mede ahotefo bebree miguu afiase. Na wokum wɔn a, mede m’ano meto mu bi. 11Na metaa metwee wɔn aso hyia adan nyinaa mu, na mehyɛɛ wɔn ma wɔkaa abususɛm, na m’ani beree wɔn so dodo nti, metaa wɔn koduu ananafo nkurow so.
Paulo adwensakra ho asɛm
12Ɛno mu na menam sɛ merekɔ Damasko, na asɔfo mpanyin ama me tumi ne ɛho kwan. 13Na owigyinae, ɔhene, ɔkwan so no, mihuu hann bi a ɛkyɛn owia haran sɛ efi soro betwaa me ne wɔn a wɔne me nam no ho hyiae. 14Na yɛn nyinaa hwehwee ase no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafo poma ano dade anankoti. 15Na mise: Ɛyɛ wo hena, Awura? Na Awurade kae sɛ: Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no. 16Na sɔre gyina wo nan so; na eyi nti na miyii me ho mekyerɛɛ wo, sɛ meyi wo mayɛ wo nneɛma a woahu me wom ne nea merebeyi me ho makyerɛ wo wom no ho somfo ne dansefo. 17Na megye wo mafi ɔman no ne amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nsam, 18#Aso 20.32 na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.
19 #
Gal 1.16
Enti, ɔhene Agripa, manyɛ ɔsoro ade a woyi kyerɛɛ me no ho asoɔden, 20na meka mekyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan, ne wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne Yudea asase nyinaa so, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnnan mmra Onyankopɔn nkyɛn, na wɔnyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.
21 #
Aso 21.30-31
Eyi nti na Yudafo bɛkyeree me asɔrefi pɛe sɛ wokum me. 22#Luka 24.44-47 Na esiane sɛ Onyankopɔn di m’akyi nti na migyina hɔ de abedu nnɛ yi, na midi nnipa nketewa ne akɛse adanse, na menka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no: 23#1 Ko 15.20 Sɛ Kristo no behu amane, na wadi awufo sɔre mu kan ama wɔaka hann ho asɛm akyerɛ ɔman no ne amanaman mufo.
Paulo tu Agripa fo sɛ ɔnnye nni
24Na oyii n’ano saa no, Festo de nne kɛse kae sɛ: Paulo, woabɔ dam, nhomanim bebrebe abɔ wo dam. 25Na ose: Memmɔɔ dam ɛ, Onuonyamfo Festo, na meka nokware ne anidahɔ nsɛm. 26#Yoh 18.20 Na ɔhene a mede nnam meka asɛm mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na migye midi sɛ eyinom biara nhintaw no, efisɛ wɔanyɛ eyi kokoam. 27Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye di.
28Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: Wopɛ sɛ wode bere kakraa bi ma medan okristoni anaa? 29Na Paulo se: Anka mepɛ Onyankopɔn fam sɛ aka kakraa oo, aka bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wotie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.
30Na ɔhene ne amrado ne Berenike ne wɔn a wɔne wɔn te hɔ no sɔree, 31na wɔkɔɔ nkyɛn baabi no, wosisee wɔn ho sɛ: Onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ owu anaa ɔkyere. 32#Aso 25.11 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: Sɛ onipa yi amfa n’asɛm ankɔdan Kaesare a, anka wobetumi agyaa no.
Iliyochaguliwa sasa
Asomafo 26: RATB
Kuonyesha
Shirikisha
Nakili

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: