Asomafo 24
24
Tertulo bɔ ɔsomafo no ho nkuro
1Na ne nnannum so no, ɔsɔfo panyin Anania ne mpanyimfo no ne ɔkyeame bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo ho nkuro kyerɛɛ amrado no. 2Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo fii ase bɔɔ nkuro sɛ: Esiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoe bebree ne ntotoe a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti, 3Felike, onuonyamfo, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa. 4Na mempɛ sɛ yɛsɛe wo bere pii nti, mesrɛ wo, fa wo ankasa ayamye so tie yɛn kakra. 5#Aso 17.6 Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin. 6#Aso 21.28 Na ɔsɔ hwɛe sɛ ɔde efi bɛka asɔrefi nso. Na yɛkɔkyeree no. 7[Na anka yɛpɛe sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no ntɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de abransɛm dennen begyee no yɛn nsam de no kɔe;] 8#Aso 23.30 na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkurobɔ no sɛ wɔmmra wo nkyɛn; enti wo ankasa wubisa no a, wubehu nea enti a yɛne no bɔ nkuro yi nyinaa. 9Na Yudafo no nso foaa no nsɛmmoa sɛ nsɛm yi te sa.
Paulo yi ne ho ano wɔ Felike anim
10Na amrado no nyamaa Paulo sɛ ɔnkasa no, obuae sɛ: Esiane sɛ minim sɛ wufi yɛɛ ɔman yi temmufo adi mfirihyia pii nti, mede koma pa mereyi m’ano. 11#Aso 21.17 Wubetumi ahu sɛ ɛmmoro dadu nnanu a mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔsɔre. 12Na wɔanhu me asɔrefi anaa hyia adan mu anaa kurom hɔ sɛ me ne obi rekasa, anaasɛ mehwanyan nkurɔfo no, 13nanso wɔrentumi nkyerɛ me nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi ase. 14#Aso 24.5 Na eyi de, mepaem meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuw no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na migye nneɛma a wɔakyerɛw mmara ne adiyifo mu nyinaa midi. 15#Dan 12.2; Yoh 5.28-29 Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso a wɔn ankasa nso hwɛ no kwan, sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba. 16#Aso 23.1 Na eyi mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ menya ahonim a enni fɔ Onyankopɔn ne nnipa fam daa.
17 #
Rom 15.25-26; Gal 2.10 Na mfirihyia bebree akyi no, mebae sɛ mede ayɛyɛde mebrɛ me man na mabɛbɔ afɔre; 18#Aso 21.27 ɛno mu na wohuu me sɛ meredwira me ho asɔrefi hɔ, nso ɛnyɛ me ne nkurɔfokuw anaasɛ meyɛɛ gyegyeegye bi. 19Na ɛyɛ Yudafo bi a wofi Asia, wɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔba w’anim ha, na sɛ wɔwɔ me ho asɛm bi a, wɔne me abɛbɔ nkuro. 20Anaasɛ eyinom nka sɛ migyina baguafo no anim no, wohuu me ho ade a ɛnteɛ bi anaa, 21#Aso 23.6 gye asɛm biako yi a migyina wɔn mu no, meteɛɛm mekae sɛ: Awufo sɔre ho na morebu me ntɛn nnɛ yi.
22 #
Aso 23.26
Na Felike huu Ɔkwan no ho asɛm no mu yiye no, ɔsan wɔn ansa sɛ: Sɛ ɔsafohene Lisia ba a, na metie asɛm no mu yiye. 23#Aso 27.3 Na ɔhyɛɛ asraafo ha so panyin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribi, na ne ho nnipa no bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.
Felike tu asɛm no hyɛ mfe abien
24Na nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paulo, na wotiee Kristo Yesu mu gyidi no ho asɛm. 25Na ɔreka trenee ne anidahɔ ne atemmu a ɛrebɛba no ho asɛm no, Felike suroe, na obuae sɛ: Mprempren de, kɔ, na minya adagyew a, mɛma wɔabɛfrɛ wo. 26Na n’ani da so nso sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no; enti na daa ɔma wɔkɔfrɛ no, na ɔne no bɔ nkɔmmɔ. 27Na mfirihyia abien dui no, Porkio Festo besii Felike ananmu; na Felike pɛe sɛ ɔsɔ Yudafo ani nti, ogyaw Paulo afiase hɔ.
Iliyochaguliwa sasa
Asomafo 24: RATB
Kuonyesha
Shirikisha
Nakili

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: