Asomafo 18
18
Paulo wɔ Korinto
1Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto. 2#Rom 16.3 Na ohuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe, ne ne yere Priskila, efisɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn. 3#Aso 20.34; 1 Ko 4.12 Na sɛ ɔne no adwuma yɛ biako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; efisɛ wɔyɛ ntamadanyɛfo. 4Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.
5 #
Aso 17.14-15
Na Silas ne Timoteo fi Makedonia bae no, Paulo de nnam kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no. 6#Aso 13.51; 20.26 Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.
7Ɛnna ofii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn. 8#1 Ko 1.14 Na hyiadan mu panyin Krispo ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii, na Korintofo mu bebree a wɔtee no nso gye dii na wɔbɔɔ wɔn asu. 9#1 Ko 2.3 Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano! 10#Yer 1.8; Yoh 10.16 Efisɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfo pii kurow yi mu. 11Na ɔtenaa hɔ afe ne asram asia kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu.
12Na Galio di Akaia amrado no, Yudafo no de anokoro sɔre hyɛɛ Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnni agua anim 13kae sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Nyankopɔn. 14#Aso 25.18-20 Na Paulo yɛe sɛ ɔrebebue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: Yudafo, sɛ ɛyɛ ade a ɛnteɛ anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ mitie mo; 15#Yoh 18.31 na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi de a, ɛnne mo ara monhwɛ! Na me de, merenyɛ saa nsɛm yi temmufo. 16Na ɔpam wɔn fii asɛnnii hɔ. 17Na Helafo no nyinaa faa hyiadan mu panyin Sostene hwee no asɛnnii hɔ, nanso Galio ammu eyinom biara.
Paulo san kɔ Antiokia
18 #
Aso 21.24; Num 6.9; 6.18 Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛe kakra ara yiye no, ɔkraa anuanom no, na ofii hɔ faa nsu ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na oyii ne ti wɔ Kenkrea; efisɛ na wadi nsew. 19Na wɔbaa Efeso, na ogyaw wɔn hɔ; na ɔno ankasa de, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo kɔyɛɛ nhwehwɛ mu dennennen. 20Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra no, wampene. 21#1 Ko 4.19; Yak 4.15 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsan maba mo nkyɛn bio. Na ofii Efeso sii nsu ani. 22#Aso 21.15 Na osii fam Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no, na ɔsan kɔɔ Antiokia.
23Na ɔkyɛɛ hɔ kakra no, ofii hɔ kokyinii Galatia ne Frigia nkurow nyinaa mu hyɛɛ asuafo no nyinaa den.
Apolo kɔ Efeso ne Korinto
24 #
1 Ko 3.6
Na Yudani bi a ne din de Apolo a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano atew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu, baa Efeso. 25#Aso 19.3 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan so; na ɔyɛ hyew Honhom mu nti, ɔkasa na ɔkyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye, nso Yohane asubɔ nkutoo na onim. 26Ofii ase de nnam kasae hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila tee no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ. 27Na ɔpɛe sɛ ɔbɛsen kɔ Akaia, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔkyerɛw kotuu asuafo no fo sɛ wonnye no. Na oduu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam ɔdom so agye adi no pii. 28#Aso 9.22; 17.3 Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui wɔ baguam, nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.
Iliyochaguliwa sasa
Asomafo 18: RATB
Kuonyesha
Shirikisha
Nakili

Je, ungependa vivutio vyako vihifadhiwe kwenye vifaa vyako vyote? Jisajili au ingia
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: