Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, a ɛnam gyidi so ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne trenee, sɛ nnebɔne a wɔayɛ kan no wama atwam Onyankopɔn boasetɔ mu no nti. Na ɔde akyerɛ ne trenee no wɔ ɛbere yi mu, na ɔno ankasa ateɛ, na wabu nea ofi Yesu ho gyidi mu no nso bem ama wateɛ bi.