1
Asomafo 16:31
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na wose: Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa.
Linganisha
Chunguza Asomafo 16:31
2
Asomafo 16:25-26
Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei. Na mpofirim ara asasewosow kɛse maa afiase no nnyinaso wosowee, na amonom hɔ ara apon no nyinaa buebuei, na wɔn nyinaa ahama sansanee.
Chunguza Asomafo 16:25-26
3
Asomafo 16:30
na ɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?
Chunguza Asomafo 16:30
4
Asomafo 16:27-28
Na afiasehwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase apon no abuebue no, ɔtwee ne nkrante sɛ anka ɔrebekum ne ho, efisɛ osusuwii sɛ nneduafo no aguan. Na Paulo de nne kɛse teɛɛm sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha.
Chunguza Asomafo 16:27-28
Nyumbani
Biblia
Mipango
Video