1
Asomafo 14:15
KYERƐW KRONKRON
RATB
Mmarima, adɛn na moyɛ eyinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnan mfi ahuhude yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.
Linganisha
Chunguza Asomafo 14:15
2
Asomafo 14:9-10
Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu, enti ɔde nne kɛse kae sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ohuruhuruwii, na ɔnantewee.
Chunguza Asomafo 14:9-10
3
Asomafo 14:23
Na wosisii mpanyimfo maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpae no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adi no nsa.
Chunguza Asomafo 14:23
Nyumbani
Biblia
Mipango
Video