1
1 Korintofo 2:9
KYERƐW KRONKRON
RATB
na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ nea aniwa nhui, na aso ntee, na ɛmaa onipa koma mu da ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no.
Linganisha
Chunguza 1 Korintofo 2:9
2
1 Korintofo 2:14
Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu.
Chunguza 1 Korintofo 2:14
3
1 Korintofo 2:10
Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no nso.
Chunguza 1 Korintofo 2:10
4
1 Korintofo 2:12
Na yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn.
Chunguza 1 Korintofo 2:12
5
1 Korintofo 2:4-5
Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.
Chunguza 1 Korintofo 2:4-5
Nyumbani
Biblia
Mipango
Video