1
Romafoɔ 7:25
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.
Харьцуулах
Romafoɔ 7:25 г судлах
2
Romafoɔ 7:18
Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi.
Romafoɔ 7:18 г судлах
3
Romafoɔ 7:19
Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.
Romafoɔ 7:19 г судлах
4
Romafoɔ 7:20
Na sɛ deɛ mempɛ no meyɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a.
Romafoɔ 7:20 г судлах
5
Romafoɔ 7:21-22
Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu. Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho
Romafoɔ 7:21-22 г судлах
6
Romafoɔ 7:16
Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ.
Romafoɔ 7:16 г судлах