1
Romafoɔ 5:8
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
Харьцуулах
Romafoɔ 5:8 г судлах
2
Romafoɔ 5:5
Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.
Romafoɔ 5:5 г судлах
3
Romafoɔ 5:3-4
Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba.
Romafoɔ 5:3-4 г судлах
4
Romafoɔ 5:1-2
Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ; ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.
Romafoɔ 5:1-2 г судлах
5
Romafoɔ 5:6
Na yɛda so yɛ mmerɛ no, berɛ a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfoɔ.
Romafoɔ 5:6 г судлах
6
Romafoɔ 5:9
Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu.
Romafoɔ 5:9 г судлах
7
Romafoɔ 5:19
Na sɛdeɛ nnipa bebree no nam onipa baako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, sɛ nso bebree no nam ɔbaakofoɔ no setie so bɛyɛ ateneneefoɔ ne no.
Romafoɔ 5:19 г судлах
8
Romafoɔ 5:11
Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.
Romafoɔ 5:11 г судлах