Mateo 11
11
Osuboni Yohane ahoyeraw
(Luka 7.18-35)
1Na ɛbae sɛ Yesu wiee n’asuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no nkurow mu. 2#Mat 14.3 Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafo 3#Mal 3.1 kobisaa no sɛ: Wone nea ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforo kwan? 4Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ na monkɔka nea mote na muhu yi nkyerɛ Yohane: 5#Yes 35.5-6; 61.1 Anifuraefo hu ade, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, na asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo. 6#Mat 13.57; 26.31 Na nhyira ne nea merento no hintidua.
Yesu di Yohane ho adanse
7 #
Mat 3.1; 3.5 Na eyinom rekɔ no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Mmɛw ahaban a mframa rehim anaa? 8Anaasɛ ɛdɛn na mufii adi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afi mu. 9#Luka 1.76 Anaasɛ adɛn nti na mufii adi? Mokɔhwɛɛ odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, ɔsen odiyifo mpo. 10#Mal 3.1 Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ:
Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim
a obesiesie w’anim kwan.
11 #
Mat 13.17
Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no. 12#Luka 16.16; 13.24 Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade anibere so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anuɔden so. 13Na adiyifo no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm besii Yohane so. 14#Mal 4.5; Mat 17.10-13 Na sɛ mopɛ sɛ mugye a, oyi ne Elia a ɔreba no. 15Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!
Yudafo komapirim
16 Na hena ho na mede nnɛ mma yi bɛtoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn mfɛfo sɛ: 17#Mmb 29.9 Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anhow. 18#Mat 3.4 Na Yohane bae, onnidi na ɔnnom, na wose: Ɔwɔ honhommɔne. 19#Mat 9.14-15 Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa nam ne nnwuma so di bem.
Korasin, Betsaida ne Kapernaum
(Luka 10.12-15)
20Ɛnna ofii ase kaa nkurow a wayɛ ne tumidi pii wom no anim sɛ wɔnnsakraa wɔn adwene, ɔkae sɛ: 21#Yona 3.6 Korasin, due! Betsaida, due! Efisɛ tumide a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra wɔn adwene ayitoma ne nso mu dedaw. 22Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Tiro ne Sidon asen mo. 23#Mat 4.13; 8.5; 9.1 Na wo Kapernaum,
wɔbɛma wo so akɔ soro anaa?
Hwɛ wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando;
efisɛ tumide a wɔayɛ no wo mu yi,
sɛ wɔyɛɛ no Sidon a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.
24 #
Mat 10.15
Nso mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen wo.
Agya no ayeyi
(Luka 10.21-22)
25 #
1 Ko 1.26-29
Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. 26Yiw, agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ w’anim. 27#Mat 28.18; Yoh 3.35; 17.2; Flp 2.9 M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no. 28#Mat 12.20; Yer 31.25 Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. 30#1 Yoh 5.3 Na me kɔnnua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.
Právě zvoleno:
Mateo 11: RATB
Zvýraznění
Sdílet
Kopírovat

Chceš mít své zvýrazněné verše uložené na všech zařízeních? Zaregistruj se nebo se přihlas
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.