Romafoɔ NNIANIMU

NNIANIMU
Krataa a Paulo twerɛ kɔmaa Romafoɔ he, na ɔde oosiesie kwane ama ne nsrahwɛ a wahyehyɛ sɛ ɔbɛkɔ Roma he. Ɔyɔɔ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ adwuma kakra Roma, na bɛaboa no ama watumi akɔ Spania. Ɔtwerɛ krataa yi de kyerɛɛ ne nteaseɛ a ɔwɔ Kristosom gyidie ho, ne sɛdeɛ ɔsɛ sɛ ɔda adi Akristofoɔ abrabɔ mu.
Paulo kyeaa nnipa a bɛya Roma Asafo mu wieeɛ pɛ, na ɔmaa behuu ne mpaebɔ a ɔbɔ ma bɛ. Ɔkaa ne botaeɛ a ɔde twerɛɛ Krataa he: “Efiri sɛ mu ne bɛayi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ bɛatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu benya nkwa” (1.17).
Yei akyi he, Paulo firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ ne botaeɛ he mu. Nnipa nyinaa, meekyerɛ Yudafoɔ ne amanamane mufoɔ, hia sɛ bebegyina Nyankopɔn anim sɛdeɛ ɔfata, efiri sɛ bɛ nyinaa bɛhyɛ bɔne tumi ase. Nnipa nam Yesu Kristo mu gyidie so betumi asiesie bɛ ne Nyankopɔn ntam. Paulo toaa so kyerɛkyerɛɛ nkwa foforɔ a ɔnam Kristo mu ayɔnkofa a ɔka bɛ ne Nyankopɔn bɔ mu he mu. Nyankopɔn Honhom ma gyidini tumi de ne ho firi bɔne ne wuo tumi ase ma asomdwie ba ɔne Nyankopɔn ntam. Ofiri ti 5-8 he, Paulo kyerɛkyerɛɛ botaeɛ a Nyankopɔn mmara kita ne Nyankopɔn Honhom mu tumi a ɔya gyidini asetena mu. Somafoɔ he toaa so kyerɛɛ sɛdeɛ Yudafoɔ ne amanamane mufoɔ ba Nyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɔya hɔ ma adasa nyinaa he mu. Owiee sɛ Yudafoɔ a bɛapo Yesu he, ka Nyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɔnam so ɔɔma nnipa nyinaa aba n’adom a ɔya Yesu Kristo mu he ho. Ɔgye di nso sɛ Yudafoɔ he ɔnkɔ soaa mpo Yesu daa. Awieeɛ koraa he, Paulo kyerɛɛ sɛdeɛ ɔsɛ sɛ bɛtena ase, ne titire ne sɛ bɛbɛma dɔ ayɔ adwuma bɛ ne afoforɔ ntam. Ɔfaa botaeɛ bi te sɛ som a bɛsom ma Nyankopɔn, Akristofoɔ asɛdeɛ a ɔfa amammuo ho, dwumadie ne nnipa afoforɔ ho ne nsɛm a ɔfa yɛ tiboa ho. Paulo de ne nkyea nsɛm ne nsɛm a ɔde yi Nyankopɔn ayɛ ne wiee krataa he.
MU NSƐM
Nnianimu ne nnyinasoɔ asɛm 1:1-17
Hia a nnipa hia nkwagyeɛ 1:18—3:20
Nyankopɔn nkwagyeɛ kwane 3:21—4:25
Kristo mu abrabɔ foforɔ he 5:1—8:39
Nyankopɔn nhyehyɛeɛ a ɔya hɔ ma Israel 9:1—11:36
Kristoni abrabɔ 12:1—15:13
Awieeɛ ne nkyea 15:14—16:27

Obecnie wybrane:

Romafoɔ NNIANIMU: BBTP

Podkreślenie

Kopiuj

Porównaj

Udostępnij

None

Chcesz, aby twoje zakreślenia były zapisywane na wszystkich twoich urządzeniach? Zarejestruj się lub zaloguj