Romafoɔ 9
9
Yi a Nyankopɔn ayi Israel
1Meeka Kristo mu nɔkorɛ, meenni torɔ; Honhom Kronkron nam m’ahonim so di adanseɛ. 2Medi awerɛhoɔ paa ne yeyaa m’akomam daa. 3#Eks 32:32 Nka mepɛ sɛ bɛde me ankasa yɛ abusudeɛ na beyi me firi Kristo mu, me mane mufoɔ a bɛyɛ me honam fam abusuafoɔ nti. 4#Eks 4:22; Deut 7:6; 14:1 Bɛyɛ Israelfoɔ, na bɛ ne abayɛ, animuonyam, apam, ne mmara he som he, ɔne bɔhyɛ he nyinaa yɛ bɛ dea; 5bɛyɛ tete agyanom asefoɔ, na ofiri bɛ abusua mu ne Kristo he baa honam fam. Nhyira nka Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ daa. Amen.
6 #
Num 23:19; Rom 2:28 Na ɔnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm he adi hwammɔ. Na ɔnyɛ bɛ a befiri Israel nyinaa ne bɛyɛ Israelfoɔ mapa, 7#Gye 21:12 na nyɛ Abraham mma nyinaa ne bɛyɛ n’asefoɔ mapa; nso bɛatwerɛ sɛ “Wasefoɔ firi Isak mu ne bɛba.” 8#Gal 4:23 Yei kyerɛ sɛ ɔnnyɛ honam fam mma ne yɛ Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma ne bebu bɛ sɛ n’asefoɔ ankasa. 9#Gye 18:10 Na sei ne bɔhyɛ he kaeɛ, “Berɛ sei mu mɛba, na Sara anya ba beema.” 10#Gye 25:21 Na ɔnyɛ yei nkoaa; saa berɛ a Rebeka nso nam ne kunu, yɛ nana Isak so nyinsɛneeɛ he, bibi siiɛ. 11Berɛ a na bennya nwoo bɛ mmaa bɛmmɛyɔɔ papa anaa bɔne bibiaa mu mpo he (sɛnea ɔbɛyɛ a Nyankopɔn botaeɛ a ɔde yi bi berɛ a, 12#Gye 25:23 ɔmmfa nwumam so, na mmom ɔnam ne frɛ so he begyina nti) bɛka kyerɛɛ no (Rebeka) sɛ, “Panyini he bɛsom kumaa he.” 13#Mal 1:2-3 Sɛnea bɛatwerɛ sɛ,
“Medɔɔ Yakob,
nso metanee Esau.”
14 #
Deut 32:4
Hedeɛ mmɛ ne yɛbɛka? Atɛntenenee nni Nyankopɔn fam? Daabi da! 15#Eks 33:19 Efiri sɛ ɔka kyerɛɛ Mose sɛ,
“Mehu nea mehu no mmɔbɔ mmɔbɔ,
na me yam bɛhyehye me ama nea meyam bɛhyehye no ama no.”
16 #
Efe 2:8
Ne saa nti onyina nipa pɛ anaa nhyɛ so, na mmom Nyankopɔn a ohu mmɔbɔ he so. 17#Eks 9:16 Na twerɛsɛm he ka kyerɛ Farao sɛ,” Maama wo so sɛ me botae a ɔkyerɛ me tumi he bɛda adi wɔ wo mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛbɛbɔ me dini asaase nyinaa so.” 18#Eks 4:21 Ne saa nti ohu biaa a waayi no mmɔbɔ, na opirim biaa ɔpɛ akoma.
Nyankopɔn abufuo ne n’ahummɔborɔ
19Hedeɛ wobebisa me sɛ, “Mmɛ nti ne ɔda so hu mfomsoɔ? Na hwane ne betumi asi Nyankopɔn pɛ kwane?” 20#Yes 45:9 Nso ampa wone hwane, o! Nipa dasani, sɛ wo ne Nyankopɔn yiyi nsɛm ano? Nti nea bɛanwono no he betumi aka akyerɛ nea ɔnwonoo no he sɛ, “Mmɛ nti ne woyɔɔ me sei?” 21Nwonfoɔ nni tumi nɛteɛ so, sɛ ɔde nɛteɛ korɔ heaa bi bɛyɔ bibi a anidie yam na foforɔ so nea anidie nnim? 22#Rom 2:4 Na sɛ, Nyankopɔn pɛ sɛ ɔda n’abufuo adi na ɔma behu ne tumi, nso ɔde abodwokyɛre bebree kura abufuo adeɛ a ɔda hɔ ma ɔsɛe he mu a; 23#Efe 1:3-12; Rom 8:29 na sɛ ɔnam saa kwane he so da n’animuonyam ahonya adi ma mmɔborɔhunu adeɛ a wasiesie ato hɔ dadaada ma animuonyam a— 24sɛ yɛ a ɔfrɛɛ yɛ yi nso yɛka ho a, na omfiri Yudafoɔ nkoaa mu na mmom Amanamane mufoɔ nso a, yɛbɛka sɛ? 25#Hos 2:23 Sɛnea Hosea mu nso ɔka sɛ,
“Bɛ a na bɛnnyɛ me nkurofoɔ he mɛfrɛ bɛ ‘me nkurofoɔ,’
na nea ɔnnyɛ me dɔfo he mɛfrɛ no ‘medɔfo.’ ”
26 #
Hos 1:10
“Na baabi a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Honnyɛ me nkurofoɔ,’ he
hɔaa nso ne bɛbɛfrɛ bɛ Nyankopɔn Teasefoɔ he mma.”
27 #
Yes 10:22-23; Rom 11:5 Na Yesaia teaa Israel ho sɛ, “Ewom sɛ na Israel mma te sɛ mpoano anwea, nso bɛ a bɛbɛka kakraa bi ne bɛbɛgye bɛ nkwa; 28efiri sɛ Awurade bedi n’asɛm asaase yi so awie atwa no tiaa.” 29#Yes 1:9 Na sɛnea Yesaia kaa too hɔ he,
“Sɛ Nyankopɔn a ɔya soro annya nkaeɛfoɔ amma yɛ a,
nka yɛ ase hyee sɛ Sodom
ama yɛayɛ sɛ Gomora.”
Paulo mpaeɛ a ɔbɔ ma Israel
30 #
Rom 10:20
Afei deɛ ɛɛne ne yɛbɛka? Amanamane mufoɔ, a bɛanhwehwɛ tenenee he, bɛ nsa aka, ɔne sɛ, tenenee a ofiri gyidie mu; 31#Rom 10:2-3 nso Israel a, bɛpere hwehwɛɛ tenenee a ogyina mmara so he, bɛ nsa anka. 32Ɛɛne nti a? Efiri sɛ ɔnyɛ gyidie so ne bɛde hwehwɛeɛ, na mmom bɛnam nnwuma so, 33#Yes 8:14; 28:16; Mat 21:42; 21:44 sɛnea bɛatwerɛ sɛ,
“Hwɛ, meeto fapem bi Sion a ɔbɛto nnipa bebree sintidua, botane a ɔbɛma bɛahwe ase,
na biaa a ɔbɛgye no adi biaa nsa onsi fam.”
Obecnie wybrane:
Romafoɔ 9: BBTP
Podkreślenie
Kopiuj
Porównaj
Udostępnij
Chcesz, aby twoje zakreślenia były zapisywane na wszystkich twoich urządzeniach? Zarejestruj się lub zaloguj
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021