1 Mose Nnianimu

Nnianimu
Gyenesis asekyerɛ ne ahyɛaseɛ. Ɛno na na ɛbuebue ewiase atetesɛm ahyɛaseɛ no mu. Ɛma yɛhunu nnipa abakɔsɛm mu. Ɛma yɛhunu abusua abɔseɛ mu. Saa ara na ɛboa ma yɛn ɛkankorɔ wɔ yɛn nkwagyeɛ mu. Ɛyɛ Onyankopɔn botaeɛ anaa ne nhyehyɛeɛ a ɔfaa so de adebɔ baeɛ. Ɛda Onyankopɔn su adi sɛ Ɔyɛfoɔ, Ɔboafoɔ, Ɔteneneeni, Ɔtɛmmufoɔ ne Ɔgyefoɔ. Ɛda onipa mudie ne animuonyam a Onyankopɔn de bɔɔ no no nso adi.
Wɔakyɛ Gyenesis nwoma no mu mmienu:
Ɔfa a ɛdi ɛkan yɛ ti a ɛdi ɛkan kɔsi ti dubaako a ɛkasa fa sɛdeɛ wɔbɔɔ ewiase ne adasamma firi Adam so kɔsi Babel Abantenten ho abakɔsɛm.
Ɔfa a ɛtɔ so mmienu yɛ ti dumienu kɔsi ti aduonum a ɛkasa fa tete Israelfoɔ ho; ɛfiri Abraham, Isak, Yakob ne ne mmammarima dumienu no kɔsi sɛdeɛ ɛnam Yosef so ma wɔkɔtenaa Misraim asase so ho.
Emu Nsɛm
Adebɔ Ho Asɛm (1.1–2.3)
Adam Ho Asɛm (2.4–5.32)
Noa Ho Asɛm (6.1–11.32)
Abraham Ho Asɛm (12.1–25.18)
Isak Ho Asɛm (25.19–28.9)
Yakob Ho Asɛm (28.10–36.43)
Yosef Ho Asɛm (37.1–50.26)

Pilihan Saat Ini:

1 Mose Nnianimu: ASNA

Sorotan

Berbagi

Salin

None

Ingin menyimpan sorotan di semua perangkat Anda? Daftar atau masuk

YouVersion menggunakan cookie untuk mempersonalisasi pengalaman Anda. Dengan menggunakan situs web kami, Anda menerima penggunaan cookie seperti yang dijelaskan dalam Kebijakan Privasi kami