Gyenesis 4

4
Kain ne Habel
1Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima. 2Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ. 3Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ. 4#Heb 11.4 Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’ayɛyɛdeɛ no, 5nanso Kain ne n’ayɛyɛdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Kain bo fuu pii, na ɔmunae. 6Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Adɛn nti na wo bo afuo na woamuna yi? 7#Gal 5.17; Rom 6.12 Sɛ woyɛɛ no yie a, anka w’anim rente anaa? Na sɛ woanyɛ no yie enti, bɔne butu ɛpono ano, na w’akyiri kwan na ɛhwehwɛ, nanso di ne so.
8 # 1 Yoh 3.12, 15 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no. 9Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na ɔse: Mennim, me nua so hwɛfoɔ ne me anaa? 10#Mat 23.35; Dwom 9.12; Heb 12.24 Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.
11Na afei wɔadome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua mogya afiri wo nsam no so. 12Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so. 13Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so adeɛ so kyɛne sɛ mɛtumi asoa. 14#Hiob 14.20-22 Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me. 15Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a ɔbɛkum Kain no, wɔbɛtɔ ne so werɛ ahodoɔ nson. Na AWURADE yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi maa Kain, na obiara a ɔbɛhu no no anku no. 16Na Kain firii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ.
Kain asefoɔ
17Na Kain ne ne yere dae, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Henok. Na ɔkyekyeree kuro bi, na ɔde ne ba Henok din too kuro no. 18Na Henok woo Irad, na Irad woo Mehuyael. Na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.
19Na Lamek waree mmaa baanu, ɔbaako din de Ada, na deɛ ɔka ho no din de Sila. 20Na Ada woo Yabal, ɔno na ɔyɛ ntomadan mu ne mmoa ho tenafoɔ agya. 21Na ne nua din de Yubal; ɔno na ɔyɛ asankubɔfoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ nyinaa agya. 22Na Sila nso woo Tubalkain a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ adeɛ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubalkain nuabaa ne Naama.
23Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ:
Ada ne Sila, montie me nne;
Lamek yerenom, monyɛ aso mma m’asɛm:
Mekumm ɔbarima sɛ ɔpiraa me,
mekumm aberanteɛ sɛ ɔboroo me.
24 # Gye 4.15; Mat 18.21-22 Na sɛ wɔtɔɔ Kain so werɛ mprɛnson a,
Lamek deɛ bɛyɛ aduɔson nson.
Set ne Enos awoɔ
25Na Adam ne ne yere daeɛ bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Set (aseɛ ne: Nsiananmu) sɛ: Onyankopɔn de ɔba foforɔ asi me Habel a Kain kumm no no ananmu. 26Na Set nso, wɔwoo ɔba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛberɛ no mu na wɔfirii aseɛ bɔɔ AWURADE din sɔree no.

נבחרו כעת:

Gyenesis 4: ASWDC

הדגשה

שתף

העתק

None

רוצים לשמור את ההדגשות שלכם בכל המכשירים שלכם? הירשמו או היכנסו

YouVersion משתמש בקובצי Cookie כדי להתאים אישית את החוויה שלך. על ידי שימוש באתר שלנו, אתה מקבל את השימוש שלנו בעוגיות כמתואר ב מדיניות הפרטיות שלנו