Gyenesis 3

3
Onipa asehweɛ
1 # Adi 12.9; 20.2 Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi? 2#Gye 2.16 Na ɔbaa no buaa ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yɛdi bi; 3#Gye 2.17 nanso dua a ɛsi turo no mfimfini no aba deɛ, Onyankopɔn aka sɛ: Monnni bi, nso mommfa mo nsa nnka, na moanwu. 4#Yoh 8.44 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Ɛnyɛ wuo na mobɛwuo; 5na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn#3.5 ONYANKOPƆN: Hebri no asekyerɛ tumi yɛ “anyame”. ahunu papa ne bɔne.
6 # Yak 1.14; 1 Ti 2.14 Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii. 7#Gye 2.25 Na wɔn baanu ani buebuee, na wɔhunuu sɛ wɔdeda adagya, enti wɔpempam borɔdɔma ahahan yɛɛ nkatanim fae.
8 # Yer 23.24 Na wɔtee AWURADE Nyankopɔn nka sɛ ɔnam turom hɔ wɔ anwummerɛ mferɛ mu. Na Adam ne ne yere kɔhunta firii AWURADE Nyankopɔn anim wɔ turom hɔ nnua mu. 9Na AWURADE Nyankopɔn frɛɛ Adam, na ɔbisaa no sɛ: Wowɔ he? 10Na ɔse: Metee wo nka wɔ turom hɔ no, mesuroe, ɛfiri sɛ meda adagya, na mehuntae. 11Na ɔbisaa no sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie yi? 12Na Adam kaa sɛ: Ɔbaa no a wode no bɛkaa me ho no, ɔno na ɔmaa me dua no aba no bie, na mediiɛ. 13#2 Ko 11.3; 1 Ti 2.14 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Adɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbaa no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, maa mediiɛ.
Onipa bu atɛn
14 # Yes 65.25 Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ:
Ɛnam sɛ woayɛ yei nti,
wɔadome wo ntɔteboa
ne wiram mmoadoma nyinaa mu.
Wo yafunu so na wobɛnanteɛ,
na woadi dɔteɛ
wo nkwa nna nyinaa.
15 # Gal 4.4; 1 Yoh 3.8; Heb 2.14; Rom 16.20; Yoh 14.30; Adi 12.17 Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam,
ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam;
ɔno na ɔbɛbɔ wo tire,
na wo nso woaka ne nantin.
16 # Efe 5.22-23; 1 Ti 2.11-12 Ɔbaa no deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Dɔ na mɛma wo yea ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso.
Yea mu na wobɛwo mma,
na w’ani bɛgyina wo kunu,
na ɔno na ɔbɛdi wo soɔ.
17 # Heb 6.8 Na Adam deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ:
Sɛ woatie wo yere nne,
na woadi dua
a mehyɛɛ wo
sɛ nnie no bie nti,
wo nti wɔadome asase.
Yea mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyinaa.
18Na nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse na ɛbɛfifiri ama woɔ,
na woadi afuo mu ahahan.
19 # 2 Te 3.10; Skf 12.7 W’anim fifire mu
na wobɛdidie
de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu,
ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ;
na woyɛ dɔteɛ,
na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.
20Na Adam no too ne yere din Hawa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyɛ ateasefoɔ nyinaa na. 21Na AWURADE Nyankopɔn yɛɛ nwoma ntadeɛ maa Adam ne ne yere de hyɛɛ wɔn.
Wɔpamo Adam ne Hawa firi turo no mu
22 # Gye 3.5; Adi 22.14 Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako, hunu papa ne bɔne. Na afei, deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa ante nkwa dua no nso bi anni antena ase daa nti, 23AWURADE Nyankopɔn tuu no firii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔ asase a wɔfaa no firii mu no. 24#Hes 10 Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim#3.24 KERUBIM: Ateasefoɔ bi a wɔwɔ ɔsoro a wɔbɔ nnoɔma kronkron ho ban. ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.

נבחרו כעת:

Gyenesis 3: ASWDC

הדגשה

שתף

העתק

None

רוצים לשמור את ההדגשות שלכם בכל המכשירים שלכם? הירשמו או היכנסו

YouVersion משתמש בקובצי Cookie כדי להתאים אישית את החוויה שלך. על ידי שימוש באתר שלנו, אתה מקבל את השימוש שלנו בעוגיות כמתואר ב מדיניות הפרטיות שלנו