Mateo Nnianimu

Nnianimu
Na Mateo yɛ ɔtogyeni. Saa berɛ no mu na togyefoɔ tua sika bi a wɔatwa ama wɔn sɛ wɔntua mma Roma Aban, na wɔnam so anya tumi agye toɔ afiri nnipa a wɔwɔ wɔn mansini mu no nkyɛn. Togyefoɔ no mu bebree bɔɔ wɔn nkurɔfoɔ apoo nam so yɛɛ adefoɔ. Ɛsiane sɛ na saa togyefoɔ yi gye toɔ firi Yudafoɔ nkyɛn de kɔma Roma Aban a na wɔbu no sɛ abosonsom aban no enti, na wɔbu wɔn sɛ nnebɔneyɛfoɔ. Ɛno enti na nnipa bebree mpɛ togyefoɔ no asɛm. Nanso Yesu frɛɛ saa togyefoɔ yi mu baako a wɔfrɛ no Mateo no sɛ ɔsuani. Ɛberɛ a Mateo baa Yesu nkyɛn no, nʼabrabɔ sesaeɛ koraa. Ɔgyaa nʼahodeɛ nyinaa hɔ bɛdii Yesu akyi. Saa nwoma yi mu, Mateo si so dua sɛ Yesu yɛ Agyenkwa a tete adiyifoɔ no ahyɛ ne ho nkɔm.
Emu Nsɛm
Yesu awoɔ ne ne mmɔfraase (1.1–2.23)
Yesu fiti nʼasɛnka ase (3.1–4.25)
Bepɔ so asɛnka (5.1–7.29)
Yesu sa nnipa ahodoɔ yadeɛ (8.1–9.34)
Yesu soma asuafoɔ dumienu no (9.35–10.42)
Yesu kyerɛ onipa ko a ɔyɛ (11.1–12.50)
Onyankopɔn Ahennie ho abɛbuo (13.1-52)
Wɔpo Yesu na wɔtwa Yohane ti (13.53–14.12)
Yesu firi Herode asase so (14.13–17.27)
Yesu kyerɛkyerɛ fa ahobrɛaseɛ ne bɔnefakyɛ ho (18.1-35)
Yesu kɔ Yerusalem (19.1–20.34)
Yesu Homeda a ɔdi twaa toɔ wɔ Yerusalem (21.1–28.10)
13 Owusɔreɛ akyi (28.11-20)

Tällä hetkellä valittuna:

Mateo Nnianimu: ASNA

Korostus

Jaa

Kopioi

None

Haluatko, että korostuksesi tallennetaan kaikille laitteillesi? Rekisteröidy tai kirjaudu sisään

YouVersion käyttää evästeitä mukauttaakseen käyttökokemustasi. Käyttämällä verkkosivustoamme hyväksyt evästeiden käytön Tietosuojakäytännössämme kuvatulla tavalla