1
Marko 13:13
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.
Porovnat
Zkoumat Marko 13:13
2
Marko 13:33
Monhwɛ yiye, monwɛn na mommɔ mpae! Na munnim da ko a bere no du.
Zkoumat Marko 13:33
3
Marko 13:11
Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho ansa; na nea wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka! Efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.
Zkoumat Marko 13:11
4
Marko 13:31
Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da.
Zkoumat Marko 13:31
5
Marko 13:32
Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.
Zkoumat Marko 13:32
6
Marko 13:7
Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo koma nntutu! Na etwa sɛ ɛba, nanso na awiei no nnya nnui.
Zkoumat Marko 13:7
7
Marko 13:35-37
Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa, na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!
Zkoumat Marko 13:35-37
8
Marko 13:8
Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so, na asasewosow bɛba mmeaemmeae, na ɔkɔm bɛba. Eyinom ne awoko yaw mfiase.
Zkoumat Marko 13:8
9
Marko 13:10
Na etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.
Zkoumat Marko 13:10
10
Marko 13:6
Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.
Zkoumat Marko 13:6
11
Marko 13:9
Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.
Zkoumat Marko 13:9
12
Marko 13:22
Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.
Zkoumat Marko 13:22
13
Marko 13:24-25
Na nna no mu ahohiahia no akyi no, owia beduru sum na ɔsram renhyerɛn, na ɔsoro nsoromma betutu ahwe fam, na ɔsoro ahoɔden awosow.
Zkoumat Marko 13:24-25
Domů
Bible
Plány
Videa