1
Mateo 19:26
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.
Porovnat
Zkoumat Mateo 19:26
2
Mateo 19:6
Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!
Zkoumat Mateo 19:6
3
Mateo 19:4-5
Na obua see wɔn sɛ: Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn, na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro?
Zkoumat Mateo 19:4-5
4
Mateo 19:14
Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.
Zkoumat Mateo 19:14
5
Mateo 19:30
Na adikanfo pii bedi akyiri, na akyikafo abedi kan.
Zkoumat Mateo 19:30
6
Mateo 19:29
Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa.
Zkoumat Mateo 19:29
7
Mateo 19:21
Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi!
Zkoumat Mateo 19:21
8
Mateo 19:17
Na osee no sɛ: Adɛn na wubisa me papa ho asɛm? Obiako na oye. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!
Zkoumat Mateo 19:17
9
Mateo 19:24
Na bio mise mo sɛ, ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane tokuru mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.
Zkoumat Mateo 19:24
10
Mateo 19:9
Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)
Zkoumat Mateo 19:9
11
Mateo 19:23
Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.
Zkoumat Mateo 19:23
Domů
Bible
Plány
Videa