1
Mateo 17:20
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.
Porovnat
Zkoumat Mateo 17:20
2
Mateo 17:5
Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!
Zkoumat Mateo 17:5
3
Mateo 17:17-18
Na Yesu kae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha! Na Yesu teɛteɛɛ no, na honhommɔne no fii ne mu, na efi dɔn no ara mu na abofra no yare no gyaee.
Zkoumat Mateo 17:17-18
Domů
Bible
Plány
Videa