1
Mateo 15:18-19
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na nea efi anom fi adi de, efi onipa komam, na ɛno na egu onipa ho fi. Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi.
Porovnat
Zkoumat Mateo 15:18-19
2
Mateo 15:11
Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.
Zkoumat Mateo 15:11
3
Mateo 15:8-9
Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.
Zkoumat Mateo 15:8-9
4
Mateo 15:28
Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babea no ho yɛɛ no den.
Zkoumat Mateo 15:28
5
Mateo 15:25-27
Na ɔbea no bae bɛkotow no sɛ: Awurade, boa me! Na obuae sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma. Na ose: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.
Zkoumat Mateo 15:25-27
Domů
Bible
Plány
Videa