1
Mateo 13:23
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.
Porovnat
Zkoumat Mateo 13:23
2
Mateo 13:22
Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.
Zkoumat Mateo 13:22
3
Mateo 13:19
Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no.
Zkoumat Mateo 13:19
4
Mateo 13:20-21
Na nea woguu no abo so no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔde anigye gye no ntɛmntɛm; nanso onni ntini wɔ no mu, na ɔtena hɔ kyɛ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no hintidua.
Zkoumat Mateo 13:20-21
5
Mateo 13:44
Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.
Zkoumat Mateo 13:44
6
Mateo 13:8
Na ebi nso koguu asase pa mu; na ɛsow aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.
Zkoumat Mateo 13:8
7
Mateo 13:30
Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!
Zkoumat Mateo 13:30
Domů
Bible
Plány
Videa