1
Luka 14:26
KYERƐW KRONKRON
RATB
Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarima ne ne nuammea ne n’ankasa ne ho nso a, ontumi nyɛ me suani.
Porovnat
Zkoumat Luka 14:26
2
Luka 14:27
Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ontumi nyɛ me suani.
Zkoumat Luka 14:27
3
Luka 14:11
Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.
Zkoumat Luka 14:11
4
Luka 14:33
Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.
Zkoumat Luka 14:33
5
Luka 14:28-30
Na mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentena ase mmu ho akontaa ansa, sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? Ebia wafi ase no, wantumi anwie a, wɔn a wohu nyinaa fi ase goru ne ho sɛ: Onipa yi fii ase toe, na wantumi anwie.
Zkoumat Luka 14:28-30
6
Luka 14:13-14
Na wotow pon a, frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo, na woanya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka. Na atreneefo sɔre mu na wobetua wo so ka.
Zkoumat Luka 14:13-14
7
Luka 14:34-35
Nkyene ye. Na sɛ nkyene dɛw tu a, dɛn na wɔde to mu ma ɛyɛ dɛ bio? Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔtow gu. Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!
Zkoumat Luka 14:34-35
Domů
Bible
Plány
Videa