1
Yohane 13:34-35
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.
Porovnat
Zkoumat Yohane 13:34-35
2
Yohane 13:14-15
Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho. Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.
Zkoumat Yohane 13:14-15
3
Yohane 13:7
Yesu bua see no sɛ: Nea mereyɛ yi, worente ase seisei, na akyiri no na wobɛte.
Zkoumat Yohane 13:7
4
Yohane 13:16
Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no.
Zkoumat Yohane 13:16
5
Yohane 13:17
Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.
Zkoumat Yohane 13:17
6
Yohane 13:4-5
ɔsɔre fii adidii, na oyii n’atade guu hɔ, na ɔfaa mpopaho de kyekyeree ne ho. Na afei ohwiee nsu guu bokiti no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho no popaa ho.
Zkoumat Yohane 13:4-5
Domů
Bible
Plány
Videa