1
Romafoɔ 7:25
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.
Compara
Explorar Romafoɔ 7:25
2
Romafoɔ 7:18
Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi.
Explorar Romafoɔ 7:18
3
Romafoɔ 7:19
Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.
Explorar Romafoɔ 7:19
4
Romafoɔ 7:20
Na sɛ deɛ mempɛ no meyɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a.
Explorar Romafoɔ 7:20
5
Romafoɔ 7:21-22
Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu. Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho
Explorar Romafoɔ 7:21-22
6
Romafoɔ 7:16
Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ.
Explorar Romafoɔ 7:16