1
Yohane 13:34-35
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ.
Compara
Explorar Yohane 13:34-35
2
Yohane 13:14-15
Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho. Na mama mo nhwɛsoɔ sɛ, sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.
Explorar Yohane 13:14-15
3
Yohane 13:7
Yesu bua see no sɛ: Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, na akyire yi na wobɛte aseɛ.
Explorar Yohane 13:7
4
Yohane 13:16
Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no.
Explorar Yohane 13:16
5
Yohane 13:17
Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.
Explorar Yohane 13:17
6
Yohane 13:4-5
ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho. Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho.
Explorar Yohane 13:4-5