Gyenesis 1

1
Adebɔ Mfiase
1Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 2#Nnw 104; Aso 17.24; Adi 4.11; Heb 11.3; Yoh 1.1-3 Na asase da hɔ hunu a enni bɔbea biara na Onyankopɔn honhom butuw nsu no ani.
3 # 2 Ko 4.6 Na Onyankopɔn kae sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. 4Na Onyankopɔn huu hann no sɛ eye. Na Onyankopɔn paee hann ne sum no mu. 5#Nnw 33.9; 2 Ko 4.6 Na ɔfrɛɛ hann no sɛ: Adekyee, na esum no de, ɔfrɛɛ no adesae. Na ade sae, na ade kyee, da a edi kan nen.
6 # 2 Pe 3.5 Na Onyankopɔn kae sɛ: Ntrɛwmu mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu no mu. 7Na Onyankopɔn yɛɛ ahun mu ntrɛwmu, na ɔpaee nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no ase ne nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no so no mu. Na ɛyɛɛ sa. 8#Nnw 19.1 Na Onyankopɔn frɛɛ ntrɛw mu no ɔsoro. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abien nen.
9 # 2 Pe 3.5; Hiob 38.8-11 Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako, na wonhu asase kesee. Na ɛyɛɛ sa. 10Na Onyankopɔn frɛɛ kesee no asase, na nsu mmoaano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
11Na Onyankopɔn kae sɛ asase mfifi nwura frɔmfrɔm, nhaban a ɛsow aba, nnua a ɛsow nnuaba sɛnea ne su te a n'aba wɔ mu, wɔ asase so. Na ɛyɛɛ sa. 12Na asase fifii wura, nhaban a ɛsow aba sɛnea ne su te, ne nnua a ɛsow nnuaba a n'aba wɔ mu sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 13Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so abiɛsa nen.
14 # Nnw 74.16 Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe; 15na ɛnyɛ akanea wɔ ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛnharan asase so. Na ɛyɛɛ sa. 16#Nnw 136.7-9 Na Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien no, ɔkanea kɛse no, sɛ enni awia so, ne ɔkanea ketewa no, sɛ enni anadwo so, ne nsoromma nso. 17Na Onyankopɔn de sisii ɔsoro ntrɛwmu no mu sɛ ɛnharan asase so, 18na enni awia ne anadwo so, na ɛmpae hann ne esum no mu. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 19Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so anan nen.
20Na Onyankopɔn kae sɛ: Nsu no nnɔ abɔde a ɛte ase manyamanya, na ntakraboa ntu mfa asase so ɔsoro ntrɛwmu no ani. 21Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛse ne abɔde a ɛte ase a ɛkeka ne ho a ɛyɛ nsu mu manyamanya nyinaa, sɛnea wɔn su te, ɛne nnomaa a wɔwɔ ntaban nyinaa, sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 22Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu nsu mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so. 23Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so anum nen.
24Na Onyankopɔn kae sɛ: Asase mma abɔde a ɛtete ase mfi mmra, sɛnea wɔn su te; ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne asase so mmoadoma, sɛnea wɔn su te. Na ɛyɛɛ sa. 25Na Onyankopɔn yɛɛ asase so mmoadoma sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.
26 # Nnw 8.5-8 Na Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.
27 # Efe 4.24; Gye 2.7, 22; Mat 19.4 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so,
Yiw Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no,
ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.
28 # Aso 17.26 Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monni so tumi, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.
29Na Onyankopɔn kae sɛ: Hwɛ, mede nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani, ɛne nnua nyinaa a adua a n'aba wɔ mu wɔ so mama mo sɛ ɛnyɛ mo aduan. 30Na asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa a ɔkra a ɛte ase wɔ wɔn mu no, mede nhaban momono mama wɔn sɛ wonni. Na ɛyɛɛ sa. 31Na Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa. Na ade sae, na ade kyee, da a ɛto so asia nen.

目前选定:

Gyenesis 1: RATB

高亮显示

分享

复制

None

想要在所有设备上保存你的高亮显示吗? 注册或登录

YouVersion 使用 cookie 来个性化你的体验。使用我们的网站,即表示你同意我们根据我们的隐私政策来使用 cookie。