Asomafoɔ Nnianimu

Nnianimu
Luka a ɔyɛ ɔyaresafoɔ a ɔtwerɛɛ Luka Asɛmpa no ara na ɔtwerɛɛ saa Asomafoɔ No Nnwuma yi. Saa nwoma yi ka nsɛm a ɛsisii Yesu wuo ne ne wusɔreɛ akyi no ho asɛm. Saa nwoma yi de Yesu ɔsorokɔ ho asɛm na ɛfiri aseɛ. Ɛkyerɛ sɛdeɛ Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, sɛ Honhom Kronkron no ba wɔn so a, wɔntrɛ Asɛmpa no mu nkɔ ewiase afanan nyinaa no. Pentekoste da a wɔhyɛɛ asafo no ase no, asuafoɔ no nyaa ahoɔden ne tumi a na Yesu ahyɛ wɔn ho bɔ no. Ɛmaa wɔtumi kaa asɛmpa no, yɛɛ anwanwadeɛ de sii asɛmpa a wɔreka no so dua. Saa nwoma yi ka asɛmpaka akwantuo a Paulo tuiɛ no ho nsɛm.
Emu Nsɛm
Pentekoste ne asafo no asehyɛ wɔ Yerusalem, (1.1–8.3)
Asafo asehyɛ wɔ Yudea ne Samaria (8.4–11.18)
Asafo asehyɛ wɔ abosonsomfoɔ a wɔwɔ Antiokia ne Romaman mu. (11.19–21.4)
Paulo afiaseda wɔ Yerusalem, Kaesarea ne Roma (21.15–28.31)

高亮显示

分享

复制

None

想要在所有设备上保存你的高亮显示吗? 注册或登录