Yohane 2

2
Kana ayeforɔhyia
1Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ. 2Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase. 3Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wɔnni nsa. 4#Yoh 19.26; Mat 12.48 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui! 5Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ! 6#Mar 7.3-4 Nso na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ, sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira teɛ, baako bɛtumi agye galɔn aduonu anaa aduasa. 7Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsuo nhyehyɛ nhina yi mama! Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn. 8Na ɔsee wɔn sɛ: Afei monsesa mfa nkɔma adidiiɛhwɛfoɔ no! 9Na wɔde kɔeɛ. Na adidiiɛhwɛfoɔ no kaa nsuo a adane nsa no hwɛeɛ no, na ɔnnim deɛ ɛfire, (na asomfoɔ a wɔsesaa nsuo no deɛ, wɔnim) na adidiiɛhwɛfoɔ no frɛɛ ayeforɔkunu no, 10na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ. 11#Yoh 1.14 Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ. 12#Yoh 7.3 Yei akyiri no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n’asuafoɔ no; na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.
Yesu pamo adwadifoɔ firi Asɔredan no mu
(Mateo 21.12-13; Marko 11.15-17; Luka 19.45-46)
13Na Yudafoɔ Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 14Na ɔkɔhunuu wɔn a wɔtɔn anantwie ne nnwan ne mmorɔnoma ne sikasesafoɔ sɛ wɔtete asɔrefie. 15Na ɔde homa yɛɛ mpire pamm wɔn nyinaa, nnwan ne anantwie no firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ, na ɔkaa apono no butubutui; 16na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m’Agya fie adwadie fie! 17#Dwom 69.9 Na n’asuafoɔ no kaee sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛhyɛ me me.
18 # Mat 21.23 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom? 19#Mat 26.61; 27.40 Yesu bua see wɔn sɛ: Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio. 20Ɛnna Yudafoɔ no se: Mfirinhyia aduanan nsia na wɔde sii asɔredan yi, na wo deɛ, nnansa na wode bɛma soɔ? 21#Kol 2.9; Heb 10.10 Deɛ ɔkaeɛ no, na ɔne ne nipadua asɔredan. 22Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.
23Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ. 24Na Yesu no ara deɛ, wamfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ ɔnim wɔn nyinaa, 25#Mar 2.8 na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Seçili Olanlar:

Yohane 2: ASWDC

Vurgu

Paylaş

Kopyala

None

Önemli anlarınızın tüm cihazlarınıza kaydedilmesini mi istiyorsunuz? Kayıt olun ya da giriş yapın

YouVersion, deneyiminizi kişiselleştirmek için tanımlama bilgileri kullanır. Web sitemizi kullanarak, Gizlilik Politikamızda açıklandığı şekilde çerez kullanımımızı kabul etmiş olursunuz