Asomafoɔ 18
18
Paulo kɔɔ Korinto
1Yei akyi he, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. 2#Rom 16:3 Na ohuu Yudani bi a bɛfrɛ no Akwila, Pontoni bi a na ofiri Italia aba ne nkyɛne, ne ne yerɛ Priskila, efiri sɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma. Nti ɔkɔɔ bɛ nkyɛne. 3#Aso 20:34; 1 Ko 4:12 Na esiane sɛ na ɔne bɛ yɔ adwuma korɔ nti, ɔtenaa bɛ fie yɔɔ adwuma, efiri sɛ na bɛyɛ ntomadanyɔfoɔ. 4Nso, homeda biaa, na ɔka asɛm hyiadane mu ma Yudafoɔ ne Helafoɔ gye di.
5 #
Aso 17:14-15
Afei berɛ a Silas ne Timoteo nyinaa firii Makedonia beduruiɛ he, Paulo de ne berɛ nyinaa pae mu kaa asɛm he, na odii Yudafoɔ adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he. 6#Aso 13:51; 20:26 Berɛ a bɛ ne no dii asie na bɛkasa tiaa no he, ɔporoporoo ne ntaadeɛ mu mfuturo kaa sɛ, “Ho mogyaa mua hoaa ho atifi. Me deɛ menni ho fɔ. Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi meekɔ amanamane mufoɔ hɔ.” 7Afei ofirii hyiadane mu hɔ, na ɔkɔɔ beema bi a bɛfrɛ no Tito Yusto a ɔyɛ Nyankopɔn somfoɔ fie. Na ne fie he ya hyiadane he nkyɛne pɛɛ. 8#1 Ko 1:14 Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu. 9#1 Ko 2:3 Da koro anadwo bi, Awurade kaa no anisoadehunu mu kyerɛɛ Paulo sɛ, “Nsuro, kasa na mmua w’ano, 10#Yer 1:8; Yoh 10:16 efiri sɛ, meka wo ho, na biaa ntumi mfa ne nsa nka wo nyɔ wo bɔne biaa, na mewɔ nnipa pii ya kuro yi mu.” 11Ɔtenaa hɔ afe ne bosome nsia kyerɛkyerɛɛ bɛ Nyankopɔn asɛm.
12Afei berɛ a Galio yɛ Akaia amrado he, Yudafoɔ he yɛɛ baako sɔre tiaa Paulo de no kɔɔ atemmuo adwa he anim 13kɔkaa sɛ, “Saa nipa yi dane nkurofoɔ adwene ma bɛfa kwane foforɔ a ɔne mmara he bɔ abira so som Nyankopɔn.” 14#Aso 25:18-20 Paulo yɛɛ sɛ ɔɔbɛkasa heaa, na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ he sɛ, “Yudafoɔ, sɛ asɛm yi yɛ bɔne anaa ammumuyɔdeɛ bi a, nka mɛgye ho asɛm he atum. 15#Yoh 18:31 Na mmom sɛ ɔyɛ nsɛm ne dini ne ho mmara ho akyinnyegyeɛ deɛ a, hedeɛ ho ankasa honhwɛ nka. Mempɛ sɛ mɛyɛ nsɛm yi ho temufoɔ.” 16Na ɔpamoo bɛ firii atemmuo adwa he anim. 17Nti bɛ nyinaa to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadane mu panyini he so firii aseɛ hwee no atemmuo adwa he anim. Nso Galio anyɛ yeinom ho hwee.
Paulo sane kɔɔ Antiokia
18 #
Aso 21:24; Num 6:9; 6:18 Nso berɛ a Paulo dii nna kakra kaa ho hɔ he, ɔne agyidifoɔ he dii nkra na ɔde po so hyɛne firii hɔ kɔɔ Siria a na Priskila ne Akwila ka ne ho, na ɔbɔɔ ti kwa ya Kenkrea, efiri sɛ, na berɛ a ɔde asi hɔ sɛ ootua ne ho nnoɔma bi he aba awieeɛ. 19Na beduruu Efeso he, ogyaa bɛ hɔ; na ɔno deɛ ɔkɔɔ hyiadane mu ne Yudafoɔ he kɔyɔɔ nsɛm bi ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu. 20Na bɛsrɛɛ no sɛ ɔntena hɔ nkyɛre, nso wannye antom, 21#1 Ko 4:19; Yak 4:15 na ɔne bɛ dii nkra ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ ɔyɛ Nyankopɔn pɛ a, mɛba ho nkyɛne bio.” Yei akyi he ofiri Efeso faa po so kɔeɛ.
22Na oduruu Kaesarea he, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo he. Na afei ɔkɔɔ Antiokia. 23Berɛ a ɔtenaa hɔ kakra he, ofirii hɔ tutuu akwane faa Galatia ne Frigia nsaase so hyehyɛɛ asuafoɔ he nyinaa dene.
Apolo kɔɔ Efeso ne Korinto
24 #
1 Ko 3:6
Afei Yudani bi a bɛfrɛ no Apolo a ofiri Aleksandria, baa Efeso. Na Apolo yɛ bi a n’ano ate na onim twerɛsɛm mu paa nso. 25#Aso 19:3 Na bɛakyerɛkyerɛ no Awurade kwane so, na esiane sɛ na Honhom ahyɛ no ma nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ, nso na Yohane asubɔ he nkoaa ne onim. 26Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde akokoɔduro ɔɔkasa hyiadane he mu, nso berɛ a Priskila ne Akwila tiee no he, bɛfaa no kɔɔ nkyɛne baabi kyerɛkyerɛɛ no Nyankopɔn kwane he mu pɛpɛɛpɛ. 27Afei esiane sɛ na ɔpɛ sɛ otware kɔ Akaia nti, agyidifoɔ he hyɛɛ ne nkurane, na bɛtwerɛɛ krataa kɔmaa asuafoɔ he srɛɛ bɛ sɛ bɛnnye no fɛ so. Nti berɛ a oduruu hɔ he, ɔboaa bɛ a bɛnam Nyankopɔn adom so agye adi he paa, 28#Aso 9:22; 17:3 ɔde nnamyɛ daa no adi pefee badwam sɛ Yudafoɔ he afom kwane, na ɔde Twerɛsɛm he kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.
Obecnie wybrane:
Asomafoɔ 18: BBTP
Podkreślenie
Kopiuj
Porównaj
Udostępnij
Chcesz, aby twoje zakreślenia były zapisywane na wszystkich twoich urządzeniach? Zarejestruj się lub zaloguj
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

: