1
Romafoɔ 15:13
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.
Porównaj
Przeglądaj Romafoɔ 15:13
2
Romafoɔ 15:4
Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.
Przeglądaj Romafoɔ 15:4
3
Romafoɔ 15:5-6
Na boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ Nyankopɔn mma monnwene adeɛ korɔ wɔ mo mu, sɛdeɛ Kristo Yesu kwan teɛ no, na mode akoma korɔ ne anokorɔ ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, animuonyam.
Przeglądaj Romafoɔ 15:5-6
4
Romafoɔ 15:7
Enti monnye mo ho mo ho, sɛdeɛ Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn animuonyam no.
Przeglądaj Romafoɔ 15:7
5
Romafoɔ 15:2
Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma deɛ ɛyɛ, na n’ase atim.
Przeglądaj Romafoɔ 15:2