YouVersion လိုဂို
ရှာရန် အိုင်ကွန်

Mateo 2

2
Anyansafoɔ A Wɔfiri Apueeɛ No
1Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 2Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
3Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene. 4Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” 5Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:
6“ ‘Ao kuro Betlehem, wo a
wonyɛ akumaa wɔ Yuda asafohene mu,
wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi
me ɔman Israel anim afiri.’ ”
7Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 8“Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
9Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ. 10Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso. 11Wɔduruu efie#2.11 Anyansafoɔ no ankɔhwɛ Yesu ɛberɛ a ɔda mmoa adididaka mu sɛdeɛ na amanneɛ te ne sɛdeɛ nnwanhwɛfoɔ no kɔhwɛɛ no no. Mmom, abosome bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ “abɔfra” no wɔ ne “fie”. a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ. 12Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
Wɔbɔ Wɔn Ho Adwaa Wɔ Misraim
13Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no.”
14Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, 15na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu.
Betlehem Mmɔfra No Kum
16Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no. 17Deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ,
18“Wɔte nne bi wɔ Rama.
Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ;
Rahel resu ne mma;
na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,
ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio”.
Wɔsane Ba Nasaret
19Herode wuiɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no sɛ, 20“Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame kɔ Israel asase so, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum abɔfra no awuwu.”
21Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio. 22Yosef tee sɛ Arkelao#2.22 Ɔhempɔn Herode ba yi dii adeɛ sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirinhyia edu pɛ. (4 AWK–6 KAA) Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ ne nhyɛsotrasoɔ. Yei ma wɔtuu no adeɛ so ma Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wɔtua toɔ ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini. a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.#2.22 Yesu berɛ so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam. 23Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

လက်ရှိရွေးချယ်ထားမှု

Mateo 2: ASNA

အရောင်မှတ်ချက်

မျှဝေရန်

ကူးယူ

None

မိမိစက်ကိရိယာအားလုံးတွင် မိမိအရောင်ချယ်သောအရာများကို သိမ်းဆည်းထားလိုပါသလား။ စာရင်းသွင်းပါ (သို့) အကောင့်ဝင်လိုက်ပါ

YouVersion သည် သင့်အတွေ့အကြုံကို စိတ်ကြိုက်ပြင်ဆင်ရန် ကွတ်ကီးများကို အသုံးပြုသည်။ ကျွန်ုပ်တို့၏ဝဘ်ဆိုဒ်ကိုအသုံးပြုခြင်းဖြင့် ကျွန်ုပ်တို့၏ ကိုယ်ရေးကိုယ်တာမူဝါဒတွင်ဖော်ပြထားသည့်အတိုင်း ကျွန်ုပ်တို့၏ cookies အသုံးပြုမှုကို သင်လက်ခံပါသည်။