1
Luka 23:34
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na Yesu kaa sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ! Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.
താരതമ്യം
Luka 23:34 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
2
Luka 23:43
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ.
Luka 23:43 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
3
Luka 23:42
Na ɔkaa sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me!
Luka 23:42 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
4
Luka 23:46
Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.
Luka 23:46 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
5
Luka 23:33
Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛnee no ne nnebɔneyɛfoɔ no, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ benkum.
Luka 23:33 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
6
Luka 23:44-45
Na ɛbɛyɛ awia dummienu no, esum duruu asase nyinaa so de kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa. Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntoma a ɛtwa mfimfini no mu teeɛ.
Luka 23:44-45 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
7
Luka 23:47
Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.
Luka 23:47 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക