1
Eksodɔs 23:25-26
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu. Worenhunu deɛ ɔpɔn anaa obonini wɔ w’asase so; wo nna dodoɔ no mɛma no adu.
Konpare
Eksplore Eksodɔs 23:25-26
2
Eksodɔs 23:20
Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no.
Eksplore Eksodɔs 23:20
3
Eksodɔs 23:22
Na sɛ ampa ara wotie ne nne na woyɛ deɛ meka nyinaa a, ɛnneɛ mɛyɛ w’atamfo tamfoɔ na mahiahia w’ahohiahiafoɔ ho.
Eksplore Eksodɔs 23:22
4
Eksodɔs 23:2-3
Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani. Na mmɔborɔni nso, nhwɛ n’anim wɔ n’asɛm mu.
Eksplore Eksodɔs 23:2-3
5
Eksodɔs 23:1
Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ.
Eksplore Eksodɔs 23:1