1
Yohane 6:35
Apam Foforɔ
BBTP
Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mene nkwa paanoo he. Nea ɔba menkyɛne he kɔm ɔnne no da, na nea ɔgye me di he, sukɔm ɔnne no da.
對照
探尋 Yohane 6:35
2
Yohane 6:63
Honhom ne ma nkwa; honam deɛ nka hwee koraa. Nsɛm a maka akyerɛ ho yi yɛ honhom ne nkwa.
探尋 Yohane 6:63
3
Yohane 6:27
Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”
探尋 Yohane 6:27
4
Yohane 6:40
Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”
探尋 Yohane 6:40
5
Yohane 6:29
Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyankopɔn adwuma ne sɛ hobɛgye nea ɔsomaa no he adi.”
探尋 Yohane 6:29
6
Yohane 6:37
Bibiaa a Agya he de bɛma me he bɛba me nkyɛne, na nea ɔba me nkyɛne he, mempam no da
探尋 Yohane 6:37
7
Yohane 6:68
Simon Petro buaa sɛ, “Awurade, hwane nkyɛne ne yɛbɛkɔ? Wo nkoaa ne wowɔ daa nkwa nsɛm.
探尋 Yohane 6:68
8
Yohane 6:51
Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”
探尋 Yohane 6:51
9
Yohane 6:44
Biaa ntumi mma me nkyɛne gye sɛ Agya a ɔsomaa me he twe no ba; na menyane no nna odi akyire he.
探尋 Yohane 6:44
10
Yohane 6:33
Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.”
探尋 Yohane 6:33
11
Yohane 6:48
Mene nkwa paanoo he.
探尋 Yohane 6:48
12
Yohane 6:11-12
Na Yesu faa paanoo ne nkyenam he, na ɔdaa ase he, ɔkyɛ maa bɛ a bɛtete hɔ he; saa nso ne ɔmaa bɛ nkyenam he dodoɔ a biaa hia. Na bɛmemeeɛ he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Hommoaboa mproprowa he ano, na bi anyera.”
探尋 Yohane 6:11-12
13
Yohane 6:19-20
Afei berɛ a bɛharee bɛyɛ nkwansini nnan he, behuu sɛ Yesu nam po he so ɔɔba kodoɔ he ho, na besuroeɛ. Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔyɛ me a, honnsuro.”
探尋 Yohane 6:19-20
首頁
聖經
計畫
視訊