1
1 Mose 13:15
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AKNA
Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefo afebɔɔ.
對照
1 Mose 13:15 探索
2
1 Mose 13:14
Lot tew ne ho fii Abram ho akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram se, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam.
1 Mose 13:14 探索
3
1 Mose 13:16
Mɛma wʼasefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma a obiara ntumi nkan.
1 Mose 13:16 探索
4
1 Mose 13:8
Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom.
1 Mose 13:8 探索
5
1 Mose 13:18
Enti Abram tutuu ne ntamadan bɛtenaa odum kwae bi a ɛyɛ Mamrɛ de wɔ Hebron no. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa AWURADE.
1 Mose 13:18 探索
6
1 Mose 13:10
Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na AWURADE nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ.
1 Mose 13:10 探索
主頁
聖經
計劃
影片