Romafo 10:11-13

Romafo 10:11-13 RATB

Na kyerɛw no se: Obiara a ogye no di no ani renwu. Na nsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam; efisɛ Awurade koro no ara na odi wɔn nyinaa so, na ɔwɔ ahonyade ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.